Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Ahobrɛase Mu a Wofi Yɛ Ade Wɔ Yehowa Kwan So
“MONHWEHWƐ [Yehowa, NW] asase sofo a mobrɛ mo ho ase . . . nyinaa.” Saa ɔfrɛ a Hebrini diyifo Sefania bɔɔ ho dawuru bɛboro mfeha 26 a atwam ni no, da so ara wɔ hɔ ma nnipa a wɔte asase so nyinaa nnɛ. (Sefania 2:3) Dɛn na Yehowa a yɛbɛhwehwɛ no no kyerɛ? Nea edi kan wɔ eyi yɛ mu ne sɛ yebenya ɔteasefo ne nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, ho nimdeɛ.—Yeremia 10:10; Yohane 17:3.
Nanso, nimdeɛ a yebenya nkutoo mma yennya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. Sɛ obi benya Onyankopɔn anim dom a, ɛsɛ sɛ ɔde saa nimdeɛ yi di dwuma nso. Ɔkwan bɛn so? Denam ahobrɛase mu a obefi ama ne nsusuwii ne n’abrabɔ ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ahyia no so, sɛnea osuahu a edi hɔ a efi Suriname yi yɛ ho mfatoho no.—Efesofo 4:22-24.
Eddy, sukuu kyerɛkyerɛfo bi a na ɔwɔ ne mfe 30 mu, pɛe sɛ onya mmuae a ɛma akomatɔyam wɔ nsɛmmisa te sɛ eyinom ho: ‘Dwuma bɛn na nyamesom redi wɔ nnɛyi asetra mu?’ ne ‘So Bible a ɛyɛ tete nhoma no ne nnɛyi nyansahu hyia?’ Bere a Yehowa Adansefo kɔɔ ne nkyɛn na wɔde nsɛmmisa yi ho mmuae a egyina Bible no so mae no, Eddy yɛɛ koom tiei. Ɔkyerɛkyerɛw nsɛm no bi mpo too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ na wayɛ nhwehwɛmu wɔ nkyerɛkyerɛmu a Adansefo no de mae no mu.
Bere bi a atwam no ná Eddy wɔ ɔsom bi a ɛkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn maa kontromfi na ɛdannan bɛyɛɛ onipa mu. Ɛno nti bere a Adansefo no maa no nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? no, ogyee no ntɛm so. Nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ a nhoma no de mae wɔ adebɔ ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu ho no kaa ne koma. Ɛdenam Bible no a osuae so no, obegye toom sɛ wahu nokware no!
Nanso ohyiaa sɔhwɛ bi. Ná Eddy te fie bi a awifosɛm ne atorodi ayɛ mu ma mu. Saa nti, na ɛsɛ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ: sɛ́ obedi ne mfɛfo a ɔne wɔn te dan biako mu no asetra kwan bɔne no akyi anaasɛ ɔbɛpo saa bra no afa asetra kwan a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Eddy fii nyansam paw nea edi akyiri no. Otwaa fekubɔne nyinaa mu na otu fii fie hɔ.—1 Korintofo 15:33, 34.
Eddy nyaa nkɔso ntɛmntɛm bere a ofii ase kɔɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so no. Ɔyɛɛ nsakrae pii wɔ ne ntadehyɛ ne n’ahosiesie nso mu, na ofii ase kaa nea ɔresua no ho asɛm kyerɛɛ ne nnamfo ne n’abusuafo. Akyiri yi n’anigye yɛɛ kɛse bere a wɔpenee ne so sɛ onnya kyɛfa wɔ baguam “asɛmpa” no ka mu no. (Mateo 24:14; Asomafo no Nnwuma 20:20) Wɔ December 1996 mu no, da a na ofi bere tenten ahwɛ kwan no bae bere a ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne no.
Afe biara, komapafo ɔpehaha pii gye ɔfrɛ a ese ‘monhwehwɛ Yehowa’ no so. Wɔ eyi yɛ mu no, wobehu sɛ Mmebusɛm 22:4 yɛ nokware, nea ɛka sɛ: “Nea edi ahobrɛase ne [Yehowa, NW] suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.” Yiw, esiane ahobrɛase mu a wofi yɛ ade wɔ Yehowa kwan so nti, wɔn a wɔdɔ nokware no nya saa nhyira no mprempren, na wɔde ahotoso hwɛ daa nhyira kwan wɔ asase yi so.—Dwom 37:29.
[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 18]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Caribbean Po
GUYANA
SURINAME
FRENCH GUIANA
BRAZIL
[Asɛm Fibea]
Asase ho mfonini: Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.