Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 10/15 kr. 32
  • “Yɛn A Yɛyɛ Katolekfo Wɔ Pii Sua Fi Wɔn Hɔ”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Yɛn A Yɛyɛ Katolekfo Wɔ Pii Sua Fi Wɔn Hɔ”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 10/15 kr. 32

“Yɛn A Yɛyɛ Katolekfo Wɔ Pii Sua Fi Wɔn Hɔ”

SAA na ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Bari, Italy, ka faa Yehowa Adansefo ho bere a na ɔrekyerɛ ntoaso sukuufo ade wɔ ɔsom ho abakɔsɛm ho no. Ná ɔkyerɛkyerɛfo no aka akyerɛ adesuakuw no sɛ ɔde video kasɛt ahorow na ebedi dwuma de akyerɛ wɔn ade. Bere a asuafo no biako a wɔfrɛ no Roberto a wadi mfe 18 tee no, osusuw ho kyerɛɛ ne kyerɛkyerɛfo no sɛ ɔpɛ sɛ wɔde ne som nso ba nkɔmmɔbɔ no mu bi. Ɔmaa ɔkyerɛkyerɛfo no Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name video no bi. Ogyee Roberto nyansahyɛ no toom, na sukuufo bɛyɛ 30 a wɔwɔ adesuakuw no mu nyinaa hwɛɛ video no bi. Roberto ka sɛ: “Biakoyɛ, nhyehyɛe pa, ne ɔdɔ a emu yɛ den a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu no kaa obiara koma. Nea ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw koraa ne sɛ wohui sɛ ɔsram biara, wotintim Ɔwɛn-Aban mfuamfua ɔpepem 40 ne Nyan! mfuamfua ɔpepem 36 no.”

Bere a Roberto adesuakuw no mufo pii hwɛɛ video no wiei no, wɔkae sɛ: “Mansusuw sɛ mowɔ nhyehyɛe pa saa.” Ɔkyerɛkyerɛfo no kaa Yehowa Adansefo ho asɛm kyerɛɛ adesuakuw no sɛ: “Monhwɛ sɛnea wɔn gyidi kanyan wɔn ma wɔyɛ biako fa. Yɛn a yɛyɛ Katolekfo wɔ pii sua fi wɔn hɔ.” Video no ne adesuakuw no nkɔmmɔbɔ a wɔde toaa so no boae kɛse ma wɔtee Yehowa Adansefo dwumadi no ase yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena