Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 12/15 kr. 32
  • So Wubetie Kɔkɔbɔ No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetie Kɔkɔbɔ No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 12/15 kr. 32

So Wubetie Kɔkɔbɔ No?

WƆ May 19, 1997 no, ahum bi tui wɔ Chittagong mantam a ɛwɔ Bangladesh no mu. Wobuu akontaa sɛ wɔ Cox Bazaar kurow mu no na mframa no anoden yɛ kilomita 250 dɔnhwerew biara. Wɔ nkuraase no, nnɔtedan dwiriw gui ma ɛkaa afasin nketenkete wɔ baabi a kan na esisi no. Etutuu nnua ne nnade a telefon nhama sesa so gui; afoforo nso mu bubuu abien te sɛ mankyese nnua. Asɛm bi a ɛbaa Bhorar Kagoj atesɛm krataa mu bɔɔ amanneɛ sɛ ahum no kunkum nnipa 105.

Wɔn a wɔkyerɛ sɛnea wim tebea bɛyɛ no de baabi a ahum no ani kyerɛ ho amanneɛbɔ mae nnɔnhwerew 36 ansa na ɛresi. Akyinnye biara nni ho sɛ kɔnkrit abannennen mu a nnipa ɔpehaha pii guan kɔe no gyee nnipa pii nkwa.

Bɛboro mfirihyia ɔha ni na Yehowa Adansefo de asiane bi a ɛreba a ɛbɛsɛe ade akyɛn ahum biara ho amanneɛbɔ ama. Bible frɛ no “[Yehowa, NW] da kɛse a ɛyɛ hu no.” (Yoel 2:31) Sɛ yetie nkɔmhyɛ nsɛm a wɔde ama sɛ kɔkɔbɔ wɔ Bible mu no a, yebetumi afi ne sɛe no mu afi.—Sefania 2:2, 3.

Dabi, ɛnyɛ sɛ Yehowa Adansefo hyɛ mmusu ho nkɔm. Asɛm a wɔka no yɛ anidaso asɛm. Wɔpɛ sɛ wɔboa nkurɔfo ma wosua Onyankopɔn Ahenni a ɛrenkyɛ ebeyi nea ɛnteɛ nyinaa afi asase so no ho ade. Onyankopɔn Asɛm, Bible, ka kyerɛ yɛn sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:10, 11.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

WHO/League of Red Cross

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena