“Tenten Sɛ Lebanon So Kyeneduru”
NNUA a wɔfrɛ no Arz Ar-rab, a ɛkyerɛ “Awurade Kyeneduru” sisi Lebanon mmepɔw fɛfɛ no so. Wɔbɔ saa nnua akɛse yi a n’ahaban frɔmm, a bere bi na akata mmepɔw no so no din wɔ Bible mu bɛyɛ mpɛn 70—ɛsen dua foforo biara.
Sɛ Kyerɛwnsɛm no reka Lebanon so kyeneduru atenten yi ho asɛm a, ɛde nsɛmfua ‘fɛw’ ne “kunini” na edi dwuma. (Nnwom mu Dwom 5:15; Hesekiel 17:23) Kyeneduru no kɛse ne kyɛ a ɛkyɛ no ama ayɛ dua a wɔde si dan, pam nsu mu hyɛn, de yɛ ɔdan mu nneɛma. Dua no hua ne ne kɔla a ɛyɛ kɔkɔɔ no ma ɛyɛ fɛ yiye, na aneneduru pii a ɛwom no mma entumi mporɔw, na mmoawa nso ntumi nwe. Nnua no yɛ atenten akɛse, na n’atenten tumi yɛ mita 37, na ne kɛse tumi yɛ mita 12, na ne ntini tumi kɔ fam ankasa, na emu yɛ den. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnɛyi kwae ho animdefo bi aka ho asɛm sɛ “dua a ɛkorɔn sen nnua nyinaa”!
Bible kyerɛwfo Hesekiel de Mesia no totoo kyeneduru baa a Onyankopɔn ankasa tɛw ho wɔ nkɔmhyɛ kwan so. (Hesekiel 17:22) Nokwarem no, Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma “kyeneduru” no asekyerɛ ankasa ne “sɛ biribi begyina pintinn.” Ɛnnɛ, saa ara na ehia sɛ Mesia, Yesu Kristo, no akyidifo ‘gyina gyidi mu pintinn, na wɔma wɔn ho yɛ den’ te sɛ kyeneduru a ɛware a ɛyɛ den no. (1 Korintofo 16:13) Wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Denam nkɛntɛnso bɔne a wɔbɛko atia denneennen na wɔakura wɔn mudi ne onyamesom pa ahofama mu pintinn no so. Wɔka wɔn a wɔyɛ saa no ho asɛm wɔ Bible mu sɛ ‘atreneefo yɛ atenten sɛ Lebanon so kyeneduru.’—Dwom 92:12.