Supɔw Ketewa Bi a Atew Ne Ho
EDIN nkyerɛkyerɛmu a wɔtaa de ka St. Helena supɔw no ho asɛm ne “atew ne ho” ne “ketewa.” Eyi fata, efisɛ supɔw yi a ne tenten yɛ kilomita 17 na ne tɛtrɛtɛ yɛ kilomita 10 no, yɛ nea efi asase a ɛbɛn no paa, Afrika kesee fam atɔe mpoano, rekɔ hɔ yɛ kilomita 1,950. Ɛyɛ ɛha na wɔde Napoléon Bonaparte bɛtrae wɔ 1815 mu ma odii ne mfe a edi akyiri no bere a wɔfaa no dommum no.
Sɛ wowɔ po no so a, supɔw no te sɛ abankɛse bi a ɛyɛ den. Nokwarem no, ɛyɛ ogya bepɔw bi a entutu gya bio a epue fi Atlantic mu a abotan a emu yɛ donkudonku, a emu tenten yɛ mita 500 kosi 700 wɔ so. Bepɔw Actaeon a ne tenten yɛ mita 818, a ɛwɔ supɔw no mfinimfini no, yɛ nea wohu no supɔw no so baabiara. Esiane Atlantic Kesee fam mframa ne ɛpo so mframa a emu yɛ nwini no nti, bere nyinaa supɔw no so tebea yɛ fɔmm. Nanso efi mpoano a ɛba fam kosi mmepɔw no mu no, nsonsonoe kɛse da wim tebea ne afifide ntam.
St. Helena ayɛ Britaniafo agyapade fi afeha a ɛto so 17 awiei. Supɔw no so nnipa a wɔn dodow yɛ 5000 no yɛ Europafo, Asiafo, ne Afrikafo a wɔadi afra. Engiresi kasa na wɔka wɔ supɔw no nyinaa so, nanso wɔn kasagyirae no yɛ soronko. Wimhyɛn gyinabea nni ha; Po so hyɛn ne ɔkwan biako pɛ a wɔnam so ne aman foforo nya nkitahodi, na bere nyinaa ɛfa Afrika Kesee fam ne England. Nokwarem no, 1990 mfe no mu nkutoo na wofii ase nyaa television so dwumadi esiane afiri a ɛkyere TV so dwumadi a wɔde baa hɔ nti.
Wɔ afe 1930 mfiase no, Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no duu supɔw yi so bere a edi kan. (Mateo 24:14) Wɔ mfe no mu no, supɔw no sofo pii aso ademude a ɛma honam fam ahonyade yɛ biribi a ɛho nhia no mu pintinn. (Mateo 6:19, 20) Ɛnnɛ, ade a ɛma St. Helena yɛ soronko ne sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Ɔdansefo 1 biara ka asɛm no kyerɛ nnipa 31, nea ɛsen biara wɔ wiase nyinaa!
[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 24]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
St. Helena
JAMESTOWN
AFRICA
ATLANTIC PO
St. Helena
Levelwood