‘Kyerɛkyerɛ Abofra’
SƐ TURO bɛyɛ yiye a, ɛhwehwɛ pii sen pete a wode aba bi bɛpete asase no so kɛkɛ na asram kakraa bi akyi no woakotwa. Egye adwumaden kɛse na woatumi asiesie asase no, adua aba no, na woagugu so nsu atɛw nnɔbae no ma atumi anyin yiye.
Saa adeyɛ yi betumi akyerɛkyerɛ nokware a Mmebusɛm 22:6 yɛ no mu yiye, bere a ɛka sɛ: “kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” Nokwarem no, awofo nkyerɛkyerɛ ho hia na wɔatumi atete mmofra.
Nanso, wɔ nnɛ wiase a ɛma biribiara ho kwan yi mu no, awofo pii mfa afotu yi nni dwuma. Sɛ adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ mmofra sua sɛnea wɔn ankasa bedi wɔn nsɛnnennen ho dwuma no da nkyɛn a, wɔtaa gyaw wɔn mma no sɛ wonni wɔn ho so. Ɔkwan a ɛte saa ma ɛyɛ mmerɛw sɛ nnipa asisifo a wonni nnyinasosɛm no nkɛntɛnso bɔne benya mmofra no so tumi.—Mmebusɛm 13:20.
Hwɛ ye a eye sɛ awofo de Kristofo nnyinasosɛm bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma denam ntetee pa a wɔde bɛma wɔn ntɛm no so! Efi bere bɛn? Ɔsomafo Paulo ka sɛ, ‘efi mmofraase.’ Saa ara na na ɛte wɔ aberantewaa Timoteo fam. Ne maame, Eunike, ne ne nana Lois de “nkyerɛwee kronkron no” kyerɛkyerɛɛ no, ma enti ‘osuae,’ na ‘ogye dii.’ Dɛn na efii mu bae? Ntetee a ɛte saa no boaa no ma ohuu ‘nyansa a ɛkɔ nkwagye mu’ no.—2 Timoteo 1:5; 3:14,15.
Saa ara na nnɛ nso, awofo a ‘wɔmmrɛ papayɛ mu’ no benya so akatua pa, sɛ ‘wɔampa abaw a.’ (Galatifo 6:9) Ɔhene Salomo nyansafo no ka sɛ: “Ahurusi na ɔtreneeni agya bedi.”—Mmebusɛm 23:24.