Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Yɛkae
Anadwo ansa na Yesu rewu no, ɔde abodoo a mmɔkaw nnim ne kuruwa a bobesa wom maa n’asomafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni na wɔnnom. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”—Luka 22:19.
Afe yi afahyɛ no si Yawda, April 1, bere a owia akɔtɔ no. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam saa anadwo titiriw yi ahyɛ Nkaedi yi ho fã sɛnea Yesu hyɛe no. Yɛde anigye kɛse to nsa frɛ wo sɛ bɛka yɛn ho. Yɛsrɛ sɛ bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ faako a wote no na wɔnkyerɛ wo bere ne beae pɔtee a wɔbɛyɛ nhyiam titiriw yi no.