Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 4/15 kr. 32
  • Wiase Asomdwoe Efi He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Asomdwoe Efi He?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 4/15 kr. 32

Wiase Asomdwoe Efi He?

SO NHOMASUA ne nyamesom a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no de wiase asomdwoe bɛba? Eyi ne Dr. Robert Muller, kan Amanaman Nkabom no kyerɛwfo panyin abadiakyiri a onyaa 1989 UNESCO Asomdwoe Adesua Ho Akyɛde, no anidaso. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ The Vancouver Sun atesɛm krataa mu no, Dr. Muller “gye tom sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ asase yi so sukuufo nyinaa nokwasɛm a ɛfa okyinsoromma, nnipa ne basabasayɛ a wobeyi afi hɔ ho nhyehyɛe ne ɛso mfaso ahorow ho ade.” Osusuw bere bi a wiase nhomasua kuw nyinaa bɛkyerɛkyerɛ mmofra ma wɔahu sɛ UN ne asomdwoe ho anidaso a eye sen biara wɔ wiase nyinaa. Sun bɔɔ amanneɛ sɛ, ogye di nso sɛ: “Ɛsɛ sɛ wiase som ahorow nyinaa mufo bɛyɛ ahyehyɛde foforo a ɛte sɛ UN, a wɔfrɛ no Nyamesom Nkabom” no mufo. Afei, “nyamesom nkyerɛkyerɛ nyinaa bɛhyɛ basabasayɛ a wobeyi afi hɔ ho nkuran.”

So wiase asomdwoe bɛba paa ara da bi? Ɛte saa ankasa! Nanso ɛnnam nnipa ahyehyɛde biara so. Bɛboro mfe 2,700 a atwam ni no, ɔkyerɛwfo a wɔde honhom kaa no no kyerɛɛ asomdwoe ho adesua fibea a ɛkorɔn bere a ɔka siei sɛ, nnipa akomapafo bɛyɛ wɔn a “Yehowa akyerɛkyerɛ” wɔn, na wɔn asomdwoe “bɛdɔɔso” no.—Yesaia 54:13.

Bible ka sɛ, Onyankopɔn na “ɔma asomdwoe.” (Romafo 16:20) Mprempren mpo wiase nyinaa nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe bi a ɛyɛ nwonwa rekɔ so bere a Yehowa kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo sɛ ‘wɔnhwehwɛ asomdwoe na wonni akyiri’ na wɔmfa ‘wɔn nkrante mmobɔ nsɔw,’ na ɛnsɛ sɛ ‘wosua akodi bio.’—1 Petro 3: 11; Yesaia 2:2-4.

Ɔsom a egyina nokware so, na ɛtwe ne ho fi nyaatwom ne nnaadaa ho, no yɛ nea Onyankopɔn pene so na ohyira so. (Mateo 15:7-9; Yohane 4:23, 24) Nokware som nkutoo, a ɛne Onyankopɔn Asɛm hyia pɛpɛɛpɛ, na ebetumi ama yɛanya nnipa a wɔtra ase wɔ asomdwoe ne biakoyɛ mu, na wɔde ɔdɔ a emu yɛ den dodɔ wɔn ho wɔn ho.—Yohane 13:35.

Yɛto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ wɔn a wɔyɛɛ saa nsɛmma nhoma yi, na ama woatumi asua nneɛma pii afa nea Onyankopɔn Asɛm ka fa wiase asomdwoe ho no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena