Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 5/15 kr. 32
  • Basabasayɛ—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Basabasayɛ—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 5/15 kr. 32

Basabasayɛ—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!

“Basabasayɛ De Ɔman Bi Kɔ Asiane Mu”—The New York Times, United States.

“Afie Mu Basabasayɛ”—O Globo, Brazil.

“Basabasayɛ Sa Wiase Mmea”—The Globe and Mail, Canada.

SAA Amerika Kusuu ne Kesee fam atesɛm nkrataa mu nsɛmti yi kyerɛ biribi a ɛhaw adwene a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa. Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kaa ho asɛm nnansa yi ara no, “basabasayɛ ahorow nyinaa anya nkɔanim nnansa yi.”

Susuw akontaabu bi a anibere wom yi ho hwɛ:

Awudi. Wɔ Latin Amerika ne Caribbean no, wokunkum nnipa bɛyɛ 1,250 wɔ basabasayɛ mu da biara da. Ne saa nti, “wɔ aman a ɛwɔ saa beae no mu fã mu no, awudi ne ade a ɛto so abien a ɛma mmerante ne mmabaa a wɔadi mfe 15-24 wuwu.”

Mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa. Mmofra a wɔhwe wɔn, to wɔn mmonnaa, na wɔteetee wɔn, yɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase nyinaa. Sɛ nhwɛso no, “nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ mpanyimfo mu wɔ aman pii a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no mu kyerɛe sɛ mmofra ɔha biara mu 10-15 na wɔto wɔn mmonnaa—wɔn mu dodow no ara yɛ mmeawa.”

Basabasa a wɔyɛ mmea. Bere a nhwehwɛmufo hwehwɛɛ hokwan a nnipa wɔ a wɔde kame wɔn mu wɔ wiase nyinaa wɔ afe 1997 mu no, wɔkae sɛ “ɛkame ayɛ sɛ afie mu basabasayɛ yɛ nneɛma atitiriw a ɛma mmea pirapira wɔ ɔman biara mu wɔ wiase no mu biako.” (Human Rights Watch World Report 1998) Afie mu basabasayɛ yɛ ade a abu so, nanso ɛne ɔhaw a wɔmmɔ ho amanneɛ kɛse koraa, na mprempren wɔfrɛ no “afeha a ɛto so 20 mu asɛnnennen a wɔakata so.”—The Globe and Mail, Canada.

Ná ‘basabasayɛ ahyɛ asase so ma’ saa ara wɔ Noa bere so. (Genesis 6:9-12, NW) Nanso Yehowa Nyankopɔn koraa saa “treneekafo” no ne n’abusua so anikan, bere a “ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase so no.” Onyankopɔn bɛyɛ biribi a ɛte saa ara wɔ yɛn bere yi so. Ɔbɛkora ‘nnipa a wokura onyamesom pa mu’ so, bere a oyi basabasayɛfo ne amumɔyɛfo fi hɔ, na ɔyɛ asase yi paradise wɔ ne wiase foforo mu no. (2 Petro 2:4-9; 3:11-13) So ɛnyɛ wo anigye sɛ woahu sɛ basabasayɛ bɛba awiei nnansa yi ara?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena