“Ɔyere Hoɔfɛfo a Ne Kunu Wɔ Anigye”
ƐTƆ MMERE bi a, nnipa binom bɔ Yehowa Adansefo sobo sɛ wɔsɛe nkurɔfo aware. Nanso, aware pii a emu ɔhokafo biako pɛ na ɔyɛ Yehowa Dansefo, a asi wɔn yiye no kyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware koraa. Sɛnea krataa bi a wotintimii wɔ France atesɛm krataa bi mu kyerɛ no, Bible afotu a wɔde di dwuma wɔ abusua asetra mu no de anigye ba aware mu.
“Bɛboro mfe 28 ni no, manya anigye sɛ ɔyere hoɔfɛfo a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako kunu. Ɔde ɔdɔ a emu yɛ den ne ntetee koro ama me mma baanum a wɔn mu baanu nyɛ n’ankasa mma. Sɛ́ obi a mprempren meyɛ adwuma bi kwankyerɛfo, a adwumayɛfo 45 hyɛ m’ase no, metumi aka akyerɛ wo pefee sɛ, wama m’adwumayɛ anya nkɔso kɛse. Ɛno nti na bere a mihui sɛ atesɛm krataa a mekenkan daa no mu nsɛm bi reka Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ Lot-et-Garonne ɔmantam no mu no, mepɛe sɛ midi wɔn ho adanse a ɛfata no.”
Krataa no san ka sɛ: “Wɔnnom sigaret na wɔmmow nsa. So eyi yɛ ade a ɛyɛ hu? Wɔyɛ Kristofo a wɔwɔ abotare, na wɔnhyɛ obiara sɛ onni mmara ahorow a wodi so no so. Mmom no, wɔyɛ nhwɛso wɔ akwan horow pii so. . . . Wɔmfa wɔn ho nhyɛ sikasɛm mu nneyɛe a ɛmfata anaa nnubɔnetɔn mu. Wɔnka ahotew ho ntam, nanso metumi aka no pefee sɛ, wobu bra pa. . . .
“Ebia wubebisa me yiye sɛ: Ɛnde dɛn nti na w’ankasa wonyɛ Yehowa Adansefo no mu biako? Efisɛ Kristosom hwehwɛ Kristofo abrabɔ pa, na ɛnyɛ nnipa nyinaa na wobetumi ayɛ eyi.”