So Bible Betumi Aboa Yɛn Nnɛ?
“SƐ WOFA Bible mũ no nyinaa a, emu ɔha mu 1 pɛ na mfaso wɔ so sɛ yɛkenkan, nea aka no ho nhia na ne bere apa ho.” Saa na aberante bi kae. Nnipa pii ne no bɛyɛ adwene. Ɛwom sɛ Bible da so ara yɛ nhoma a wɔtɔ sen biara de, nanso nnipa ɔpepem pii mfa wɔn adwene nkɔ so ahe biara, na wonnim ne nkyerɛkyerɛ no.
German atesɛm krataa Süddeutsche Zeitung, 1996 Buronya bere mu de no kae sɛ Bible “akenkanfo so tew ara na ɛretew. Ɛnnɛ mmere yi a nyansahu agye nkurɔfo adwene, na wɔn a wɔn ani nnye nyamesom ho redɔɔso no, Bible mu nsɛm ayɛ ade foforo ama nnipa pii, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase.” Nhwehwɛmu a wɔayɛ si eyi so dua. Nhwehwɛmu bi ada no adi sɛ mmofra pii nnim onipa pɔtee a Yesu yɛ. Wɔ nhwehwɛmu biako mu no, nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm a wotumi kaa Bible mu nsɛm a ɛfa ɔba hohwini ne Samariani yamyefo ho no dodow nnu wɔn mu fã.
Switzerland Evangelical Asɔre no nhoma Reformiertes Forum ka sɛ nkurɔfo nhwehwɛ Bible akyi kwan wɔ Switzerland sɛnea na anka wɔyɛ no. Wɔn a wɔwɔ Bible no bi mpo taa de to pon so ma ɛho bɔ mfutuma. Tebea no te saa wɔ Britain. Sɛnea nhwehwɛmu bi kyerɛ no, ɛwom sɛ nnipa dodow no ara wɔ Bible de, nanso wɔn mu dodow no ara na wɔnkan.
Nanso, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa wɔ adwene soronko koraa wɔ Bible no ho. Wobu no sɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛsom bo na mfaso wɔ so. Enti, wɔkenkan no daa. Ababaa bi kyerɛwee sɛ: “Mebɔ mmɔden kenkan Bible no ti biako anaa abien da biara. M’ani gye ho yiye.” Ankorankoro a wɔte saa susuw Bible nkyerɛkyerɛ ho yiye, na wɔbɔ mmɔden de emu afotu di dwuma wɔ wɔn asetra mu. Wogye di sɛ Bible betumi aboa wɔn wɔ nnɛ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu.
Wudwen ho dɛn? So Bible ho nhia wɔ nnɛ mmere yi mu? Anaasɛ ɛsom bo na mfaso wɔ so? So Bible betumi aboa yɛn nnɛ?