Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 11/15 kr. 32
  • “Me Nsrahwɛ Wɔ Ahenni Asa So”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Me Nsrahwɛ Wɔ Ahenni Asa So”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 11/15 kr. 32

“Me Nsrahwɛ Wɔ Ahenni Asa So”

Wɔmaa Laura,a a ɔkɔ kɔlege dwumadi sɛ onkotie nyamesom nkyerɛkyerɛ na ɔnkyerɛw nea obehu no mmra. Ɔpaw Yehowa Adansefo, na ɔtoo n’asɛm no din sɛ, “Me Nsrahwɛ Wɔ Ahenni Asa So.” Dɛn na Laura huu sɛ ɛyɛ soronko wɔ Adansefo no ho? Nea ɛka nsɛm pii a ɔkae ho na edi so yi.

Mmofra: “Ná mmofra ne mpanyimfo nyinaa wɔ ɔdan biako mu. Wɔ asɔre ahorow a makɔ nyinaa mu no, mmofra no gyaw wɔn awofo hɔ kɔ Mmofra Asɔre.”

Mmusua ntam biakoyɛ: “Ɛntaa mma sɛ asɔre ahorow mufo a womfi abusua biako mu bɛbom atra ase sɛ kuw. . . . Nanso, na Yehowa Adansefo no nyinaa te faako a mpaapaemu biara nni wɔn mu.”

Wogye nnipa fɛw so: “Nnipa pii ne me bɛkasae. . . . Ebinom mpo bisaa me sɛ ebia obi ne me resua Bible no anaa. Nanso, mante nka sɛ na wɔrehyɛ me. Wogyaw . . . ɛho gyinaesi no maa me.”

Wonnyigye sika: “Ade biako a ɛyɛɛ me nwonwa paa ne sɛ na obiara nni hɔ a ogyigye sika. . . . Asɔre ahorow a makɔ no gyigye sika fi mmofra no mpo hɔ.”

Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa reyɛ adu 90,000. Dɛn nti na wonkɔsra nea ɛbɛn wo pɛɛ no nhwɛ?

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa din no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena