Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 1/1 kr. 32
  • Bere a ‘Mframa no Bɔ Hyia Yɛn’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a ‘Mframa no Bɔ Hyia Yɛn’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 1/1 kr. 32

Bere a ‘Mframa no Bɔ Hyia Yɛn’

Bere a Asɛmpa kyerɛwfo Marko reka asetra mu osuahu ankasa a Yesu asuafo nyae bere a na wɔde ɔkorow retwa Galilea Po no ho asɛm no, ɔka sɛ na “wɔrebrɛ ahare mu; na mframa rehyia wɔn.” Bere a na Yesu da so ara wɔ mpoano no, ohui sɛ wɔn ho akyere wɔn ma enti ɔnantew po no so baa wɔn nkyɛn anwonwakwan so. Bere a ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔkorow no mu no, mframa no gyaee.—Marko 6:48-51.

Bible kyerɛwfo koro no ara bɔɔ amanneɛ sɛ bere bi a na atwam mu no “ahum kɛse tui.” Na Yesu “teɛteɛɛ mframa no . . . , na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn.”—Marko 4:37-39.

Ɛwom sɛ yenni hokwan a yɛde behu anwonwade ahorow a ɛte saa nnɛ de, nanso yebetumi asua biribi afi mu. Sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ a yɛwɔ nna a edi akyi a emu yɛ den yi mu no, yɛnnee yɛn ho mfii amanehunu ho. (2 Timoteo 3:1-5) Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a yɛte nka sɛ yɛn amanehunu ano tumi yɛ den te sɛ ahum. Nanso mmoa wɔ hɔ! Yesu to nsa frɛ yɛn sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.”—Mateo 11:28.

Sɛ ɛte sɛ nea ‘mframa a ano yɛ den hyia yɛn a,’ yebetumi anya ‘nea ebedwudwo’ yɛn koma. Ɔkwan bɛn so? Denam Yehowa Nyankopɔn bɔhyɛ ahorow a enni huammɔ a yebenya mu ahotoso koraa no so.—Fa toto Yesaia 55:9-11; Filipifo 4:5-7 ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena