Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 2/15 kr. 32
  • Nnipa So Wɔyɛ Mmoa A Wɔkorɔn Ara Kwa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa So Wɔyɛ Mmoa A Wɔkorɔn Ara Kwa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 2/15 kr. 32

Nnipa So Wɔyɛ Mmoa A Wɔkorɔn Ara Kwa?

“So nea yegye di wɔ baabi a nkwa fi bae no ho hia ankasa?”

Abeawa bi a wadi mfirihyia 16 a ɔwɔ Brazil na obisaa saa asɛm yi wɔ ne kasa bi a ɔmae a na n’asɛmti ne “Nnipa—So Wɔyɛ Mmoa a Wɔkorɔn Ara Kwa?” no nnianim asɛm mu. Bere a ne kyerɛkyerɛfo nsa kaa June 22, 1998, Engiresi Nyan! a na ɛka saa asɛmti no ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ asɛm no mu nkyerɛ sukuufo a ɔne wɔn gyina no.

Ɔdansefo kumaa no sii asiane a ɛwɔ adannandi nkyerɛkyerɛ a egyina sɛnea nneɛma bi ase tumi tim na ebi ase ntumi ntim so no so dua. Sɛ nhwɛso no, nnipa pii susuw sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no na ɛmaa ebinom nyaa adwene sɛ akodi yɛ adebɔ mu adeyɛ a abɔde nam so di apere daa de pere wɔn nkwa, na ebuee hokwan maa Kankabi ne Nasi nniso.

Sukuuni no daa no adi sɛ nsonsonoe kɛse da nnipa ne mmoa ntam. Ɔkae sɛ: “Nnipa nkutoo na wobetumi anya honhom fam nkɔso. Nnipa nkutoo na wotumi bɔ mmɔden sɛ wobehu asetra atirimpɔw. Nnipa nkutoo na owu ho asɛm haw wɔn, wodwen baabi a wofi bae ho, na wɔpɛ sɛ wɔtra ase daa. Hwɛ sɛnea ehia sɛ yegye bere susuw baabi a yefi bae no ho!”

Ɔkyerɛkyerɛfo no kamfoo ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a ɔmae no. Ɔkae sɛ nea ɛmaa Ɔdansefo kumaa a wadu ne mpanyin afe so yi tumi yɛɛ saa ne sɛ ɔpɛ akenkan. Wonim abeawa no wɔ sukuu hɔ sɛ obi a n’ani gye Bible ho nhoma te sɛ Nyan! ne Ɔwɛn-Aban akenkan ho.

Nkɛntɛnso a adannandi nkyerɛkyerɛ no renya wɔ mmofra koma ne wɔn adwene so no haw Yehowa Adansefo ankasa. Esiane eyi nti, asafo a abeawa yi wom no hyɛɛ Adansefo nkumaa nkuran sɛ wɔmfa June 22, 1998, Engiresi Nyan! nsɛmma nhoma no bi nkɔma wɔn akyerɛkyerɛfo ne wɔn mfɛfo sukuufo. Wɔde nsɛmma nhoma bɛyɛ 230 memae wɔ kurow no mu sukuu ahorow mu. Sukuu bi mu Nyansahu Dwumadibea no kyerɛkyerɛfo panyin kraa Nyan! nsɛmma nhoma no bi.

Yiw, nea yegye di wɔ baabi a nkwa fi bae no ho hia! Saa abofra yi ne ne nnamfo no ada no adi sɛ Ɔbɔadeɛ no mu gyidi a wɔwɔ no de nsakrae aba wɔn asetra mu ankasa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena