Nea Ɛma N’ani Gyina New york Kuropɔn No
EFI afe 1950 no, wɔde nea wuhu no wɔ ha yi abɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhomatintimbea dan biako a ɛwɔ Brooklyn, New York, no anim sɛnea obiara behu. Ɛkae akwantufo, nsrahwɛfo ne afoforo a wɔretwam sɛ wɔnkenkan Bible no da biara. Krataa a edi so a nsa ka fii Ɔdansefo abeawa bi hɔ no kyerɛ sɛnea saa nkaesɛm yi tu mpɔn.
“Ná me ne me yɔnko sukuuni bi rebɔ nea mepɛ sɛ miwie ntoaso sukuu a meyɛ ho nkɔmmɔ. Mifii ase kaa Betel, Yehowa Adansefo asafo ti no dwumadibea ho asɛm na n’ani gyee kɛse. Ɔka kyerɛɛ me sɛ watra New York Kurom n’asetra nyinaa mu. Ná n’abusua no nyɛ nyamesomfo paa de, nanso anɔpa biara sɛ ɔhwɛ mpomma mu a, ohu nkyerɛwee bi a ɛse ‘Kenkan Onyankopɔn Asɛm Kyerɛw Kronkron no Da Biara.’ Enti na da biara ɔkenkan ne Bible ansa na wakɔ sukuu.
“Bere a otu fii kurow no mu no, ɔkae sɛ ade a ɛma n’ani gyina New York Kurow no ne sɛ sɛ ɔsɔre anɔpa a, onhu ade a ɛkae no sɛ ɔnkenkan Bible no bio. Nanso esiane asɛm a egu Ɔwɛn Aban Asafo no dan ho no nti, Bible akenkan abɛyɛ ne su, enti ɔkɔ so kenkan Bible no da biara!”
Hwɛ ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so fi da biara ase denam Onyankopɔn Asɛm fã bi a yɛbɛkenkan no so! Akyinnye biara nni ho sɛ wɔ saayɛ mu no wobɛte ɔsomafo Paulo nsɛm yi ase: ‘Nkyerɛwee kronkron no betumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.’—2 Timoteo 3:15-17.