Adeyɛ Titiriw Bi—So Wobɛkɔ Ase?
DA TITIRIW bi wɔ bɛboro mfe 3,500 ni no, Yehowa Nyankopɔn maa Israelfo a na wɔyɛ nkoa wɔ Misraim no abusua biara kum oguammaa anaa ɔpapo de ne mogya petee wɔn fie apongua ho. Saa anadwo no ara, Onyankopɔn bɔfo twaam wɔ fie a wɔahyɛ no agyirae saa no ho, nanso okunkum mmakan a wɔyɛ mmabarima a wɔwɔ Misrifo afie mu nyinaa. Afei Israelfo no nyaa ahofadi. Yudafo no ahyɛ Twam no ho fa fi saa bere no.
Bere a Yesu Kristo ne n’asomafo no dii ne Twam a etwa to no wiei ara pɛ no, ɔde adidi a wɔde bɛkae n’afɔrebɔ wu no sii hɔ. Ɔmaa n’asomafo no abodoo a mmɔkaw nnim na ɔkae sɛ: “Munnye nni; eyi ne me honam.” Afei ɔmaa wɔn kuruwa a bobesa wom kae sɛ: “Mo nyinaa monnom bi; na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri.” Yesu kae nso sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Mateo 26:26-28; Luka 22:19, 20) Enti Yesu de ahyɛde maa n’akyidifo sɛ wɔnhyɛ ne wu ho fa.
Afe yi, Yesu wu ho afahyɛ no si Wukuda, April 19, bere a owia akɔtɔ no. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam saa anadwo titiriw yi ahyɛ Nkaedi yi ho fã sɛnea Yesu hyɛe no. Yɛde anigye kɛse to nsa frɛ wo sɛ bɛka yɛn ho. Yɛsrɛ sɛ bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ faako a wote no na wɔnkyerɛ wo bere ne beae pɔtee a wɔbɛyɛ nhyiam titiriw yi.