Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wode Firi?
THE Toronto Star a ɛwɔ Canada bɔ amanneɛ sɛ: “Nyansahufo ayɛ nhwehwemu bi a ɛkyerɛ sɛ fafiri betumi ama obi anya nkate fam—ne nipaduam—akwahosan pa.” Nanso, Ɔbenfo Carl Thoresen a ɔwɔ Stanford Sukuupɔn a ɛwɔ U.S.A., mu a odi Stanford Fafiri mu Nhwehwemu a wɔreyɛ anim no ka sɛ, “nnipa kakra bi na wɔte nea fafiri kyerɛ ne sɛnea edi dwuma no ase.”
Wobu fafiri a efi komam sɛ ade a ɛho hia paa wɔ Kristosom mu. The Toronto Star amanneɛbɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ “hu a wubehu sɛ obi afom wo, na woayi ho menasepɔw nyinaa afi wo mu, na awiei koraa no, woada mmɔborohunu ne ɔdɔ adi mpo akyerɛ no.” Nsonsonoe wɔ pene a obi bɛpene bɔne so, ayi ne ho ano wɔ ho, ama ne werɛ afi, anaa ɔrennye bɔne bi ntom ho; na saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ, wubegyae wo ho mu ama wɔasisi wo. Amanneɛbɔ no ka sɛ fafiri paa ne sɛ “wubeyi abufuw no ne ɛho nkate biara afi wo mu.”
Nhwehwɛmufo ka sɛ ehia sɛ yɛyɛ mfaso a yenya fi fafiri mu no ho nhwehwɛmu pii. Nanso wɔka adwene mu mfaso horow nso a wonya ho asɛm, a ebi ne “adwennwen, dadwen ne adwenemhaw a ɛso tew.”
Wɔada ade titiriw a enti ɛsɛ sɛ yɛde firi no adi wɔ Efesofo 4:32, na ɛka sɛ: ‘Momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.’ Ɛdefa sɛnea fafiri te wɔ nneɛma afoforo ho no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua Onyankopɔn.—Efesofo 5:1.
Po a yɛbɛpo sɛ yɛde befiri afoforo bere a yɛwɔ nea yebegyina so ada mmɔborɔhunu adi no betumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛde befirifiri yɛn ho yɛn ho. Ɛno ansa na yebetumi abɔ mpae sɛ ɔmfa mfiri yɛn.—Mateo 6:14; Marko 11:25; 1 Yohane 4:11.