Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 9/15 kr. 32
  • Kristofo Dɔ—Ɛsen Ɔkasa Ara Kwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Dɔ—Ɛsen Ɔkasa Ara Kwa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 9/15 kr. 32

Kristofo Dɔ—Ɛsen Ɔkasa Ara Kwa

BERE a ogya hyew Bartholomew abusua no fie wɔ Trinidad no, wɔhweree biribiara gye wɔn nkwa nko ara. Obusuani bi a ɔte bɛn wɔn no tumi de wɔn kɔtraa ne nkyɛn, nanso ɛno amma asɛm no anso hɔ ara.

Olive Bartholomew yɛ Yehowa Adansefo mu biako, na asafo a ɔwom no mufo—ne wɔn a wɔte mpɔtam hɔ no—fii ase yii ntoboa a wɔde bɛsan asi ofie a ɔne n’abusua no ahwere no. Wɔpaw boayikuw bi a ɛbɛhwɛ ɔdansi no so, na wofii ne si ase. Adansefo bɛyɛ 20, a afipamfo bi ka ho bɛboae. Mmofra mpo bɛyɛɛ adwuma no bi, na afoforo nso de nnɔkɔnnɔkɔwade brɛɛ wɔn.

Sɛnea Trinidad Sunday Guardian bɔ amanneɛ no, Olive kae sɛ: “M’abusua no ho dwiriw wɔn. Wɔnyɛ Adansefo, na nea me kunu hui no da so ara yɛ no nwonwa.”

Nea ɔhwɛɛ ɔdansi no so no bɔɔ asɛm no mua sɛ, saa nnwuma no yɛ agyiraehyɛde a wɔde hu nokware Kristofo. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ sɛ yɛkɔ afie afie mu kɔka ɔdɔ ho asɛm nko, na mmom yɛrebɔ mmɔden de nea yɛka no nso adi dwuma.”—Yohane 13:34, 35.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Olive Bartholomew ne ne kunu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena