Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 10/15 kr. 32
  • “Biakoyɛ Ho Nhwɛso”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Biakoyɛ Ho Nhwɛso”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 10/15 kr. 32

“Biakoyɛ Ho Nhwɛso”

ƐNO ne asɛm a samufo no de yɛɛ atesɛm krataa bi a ɛwɔ Indaiatuba, São Paulo, Brazil, no asɛmti. Henanom na wɔyɛɛ nhwɛso no? Ɔkyerɛwfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yehowa Adansefo a wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wobesi ‘Ahenni Asa,’ sɛnea wɔfrɛ wɔn asɔrefie anaa nhyiam asa ahorow, foforo no de biakoyɛ ho nhwɛso ho adanse a edi mũ rema a obiara ntumi nnye ho kyim.”

Biakoyɛ a ɛwɔ Yehowa Adansefo ntam no da adi wɔ mmere a ɛtete saa mu. Enti asɛm no kyerɛe sɛ: “Ɛka koma paa sɛ wuhu sɛ mmarima, mmea, mmerante ne mmabaa a wɔatu wɔn ho ama fi wɔn pɛ mu reyɛ ɔdan a wobetumi ahyiam asom Onyankopɔn wom no ho adwuma.”

Yehowa Adansefo yɛ nhwɛso pa wɔ nneɛma foforo mu nso. Samufo no de kaa ho sɛ: “Wɔ adesua ne mpaebɔ akyi no, wɔn botae ne sɛ wɔbɛma nkurɔfo a wɔde nnuru di dwuma ɔkwammɔne so ne asadweam asiesie wɔn akwan, na wɔma nkurɔfo hu ɔkwan a wɔbɛfa so ada ɔdɔ ne biakoyɛ adi akyerɛ nkurɔfo.” Ɔkwan bɛn so na wotumi yɛ eyi? Adansefo no nim sɛ Bible a obi besua na ɔde emu afotu adi dwuma no tumi boa no ma ɔtwe ne ho fi ɔbra bɔne ho. Ɛno nti na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo nea wɔasua afi Bible mu no. Samufo no wiee n’asɛm no sɛ, “akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ afoforo di wɔn nhwɛso no akyi.”

Wɔma ɔmanfo kwan sɛ wɔmmra Yehowa Adansefo nhyiam ase na wonnye tow biara. Wɔde anigye to nsa frɛ wo sɛ kɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena