Wiase Asomdwoe Ɔkwan Bɛn So?
SO WIASE asomdwoe bɛba nnansa yi ara? Ná nnipa pii susuw saa bere bi, nanso afei de wɔn adwenem ayɛ wɔn nãã. Sɛnea amanneɛbɔ bi a ɛkaa nsɛnnennen a ɛda yɛn anim daakye ho asɛm a wotintimii wɔ South Africa Daily Mail & Guardian mu kyerɛ no, “ɛte sɛ amanaman ntam nhyehyɛe foforo a wɔkaa ho asɛm siei mfe 10 a etwaam yi ara a ɛnnɛ ɛreyɛ adan anidaso hunu no.”
Anidaso a na nkurɔfo wɔ wɔ mfe kakraa a atwam no ho asɛm na nsɛnkyerɛwfo no reka. Ná Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no to twae nkyɛe, na na aman a wɔwɔ tumi a ɛkyɛn so ntam akameakame no agyae. Bere a na ɛte sɛ nea yɛrehyɛn bere foforo bi mu no, nnipa pii hwɛɛ kwan sɛ afei adesamma rebenya nkɔanim titiriw bi wɔ ko a wɔbɛko atia ohia, ɔyare, ne nsɛm a ɛfa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho no mu. Amanneɛbɔ no ka sɛ: “Mprempren, ɛte sɛ nea nsɛm a wɔka siei yi adan anidaso hunu koraa. Wɔafi akodi foforo ase wɔ mmeae bi a na yennim koraa; nnipa dodow a wodi hia wɔ wiase redɔɔso. Aman abien foforo abɛka wɔn a wɔwɔ nuklea akode no ho. Esiane sɛ UN no ntumi nni nsɛnnennen a nnipa pii hyia no ho dwuma yiye nti, ne din asɛe kɛse. Tebea a na anidaso nnim no regye nsam abɛyɛ tebea a ɛyɛ hu ankasa.”
Bible asuafo nim sɛ ɛmfa ho adwempa a nnipa kura no, wɔn mmɔdenbɔ ntumi mma nneɛma nyɛ yiye koraa. Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea Bible ka no, “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Bere a wiase no wɔ Satan akwankyerɛ ase no, wontumi nnan ne tebea no mma ɛmmɛyɛ Paradise a Onyankopɔn bɔe sɛ ɛnyɛ no.
Bere koro no ara no, yɛwɔ nea yebetumi agyina so anya anidaso. Yehowa Nyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔde wiase asomdwoe bɛba, a ɛnyɛ nneɛma nhyehyɛe yi na obesiesie, na mmom ɛdenam “asase foforo” a “trenee te mu” so. (2 Petro 3:13) Yiw, ɛdenam Onyankopɔn Ahenni so no, yɛn asase yi bɛdan baabi a asomdwoe ne anigye wɔ, beae a adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa asetra ne wɔn adwuma bɛyɛ anigye bere nyinaa. Bio nso, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ “ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.” Saa bɔhyɛ ahorow yi nnyina nsɛm a nnipa ka sie a enni nnyinaso no so. Mmom no, egyina Ɔbɔadeɛ no Asɛm a enni huammɔ so, onii a ontumi nni atoro no.—Adiyisɛm 21:4; Tito 1:2.