So Ɔsom Mu Biakoyɛ Abɛn?
Christian Krause a ɔyɛ Luther Asɔre Wiase Nyinaa Fekuw titrani no kae sɛ: “Ɛnnɛ yɛ da titiriw wɔ yɛn Asɔre ahorow no abakɔsɛm mu.” Saa ara nso na Pope John Paul II kaa “Kristofo ntam biakoyɛ a edi mũ a wɔbrɛe ansa na wɔrenya” no ho asɛm.
Nea ɛmaa wɔkekaa anigyesɛm yi ne Asɔre Mpanyimfo Ano Asɛm a wɔde nsa hyɛɛ ase wɔ October 31, 1999 mu wɔ Augsburg, Germany no, na wɔde sii Asɔre Nkyerɛkyerɛ a Ɛma Nneɛma Bi Ho Kwan a wɔn nyinaa yɛɛ ho Tirimbɔ no so dua. Wɔpaw beae ne bere a ɛfata paa ma dwumadi no. Wɔka sɛ October 31, 1517 na Martin Luther de ne nkyerɛkyerɛ 95 no kɔfam Wittenberg asɔredan pon anim, de fii Protestant Ɔsesɛw no ase. Nokwarem no, Augsburg na Lutherfo no de wɔn nkyerɛkyerɛ titiriw, Augsburg Bɔneka, a Katolek Asɔre no annye antom no kɔe wɔ 1530 mu, ma ɛkɔfaa wontwiwontwi a ɛda Protestantsom ne Katoleksom ntam a ɛho asɛm yɛ ka na no bae.
So Tirimbɔ a Wɔn Nyinaa yɛe no bedi akoten aboa ma wɔasiesie mpaapaemu a aba asɔre no ntam sɛnea wɔkyerɛ no? Ɛnyɛ afã horow no nyinaa na na wɔhwɛ kwan saa. Protestant nyamekyerɛfo bɛboro 250 de wɔn nsa hyɛɛ asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ wɔmpene so no ase, de bɔɔ kɔkɔ wɔ Katolek Asɔre a ɛbɛba abedi wɔn so no ho. Afei nso bere a Katolek Asɔre no de afe 2000 bɔnesrɛ titiriw, adeyɛ koro yi ara a ɛkɔfaa wontwiwontwi bae mfe 500 a atwam ni too gua no, ɛhaw Protestantfo no. Na esiane sɛ Augsburg Bɔneka no wɔ hɔ na Katolekfo annye antom wɔ Trent Bagua no ase nti, biakoyɛ nnya mmae.
Mpaapaemu ne wontwiwontwi a ɛwɔ Kristoman mu no so kyɛn nea tirimbɔ biara a wɔn nyinaa de wɔn nsa bɛhyɛ ase betumi asiesie koraa. Bio nso, gyidi mu biakoyɛ gyina Onyankopɔn Asɛm, Bible mu gyidi a ɛyɛ den so. (Efesofo 4:3-6) Sɛ anka yɛbɛfa nneɛma mu a yebegyae asiesie so anya biakoyɛ a edi mũ no, yɛnam nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ a yebesua na yɛayɛ so na yenya. Odiyifo nokwafo Mika kae sɛ: “Aman no mu biara nantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.”—Mika 4:5.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
© Ralph Orlowski/REUTERS/Archive Photos