Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w01 6/1 kr. 32
  • Bible Adesua So Eye Ma Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Adesua So Eye Ma Wo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
w01 6/1 kr. 32

Bible Adesua So Eye Ma Wo?

“ƐNSƐ sɛ wɔkenkan bere a ɔsɔfo biara nni hɔ.” Saa kɔkɔbɔ yi wɔ Katolekfo Bible ahorow bi kratafa a edi kan no. Kay Murdy a ɔwɔ Katolekfo Bible Asuae a ɛwɔ Los Angeles no ka sɛ: “Sɛ́ Katolekfo no, nyɛ bere nyinaa na na yɛkenkan Bible no, nanso tebea no resakra.” Ɔka sɛ, sɛ Katolekfo nya hu sɛnea Kyerɛw Kronkron no betumi anya wɔn asetra so tumi a, “wɔn ankasa nya Bible no ho anigye.”

Ɛdefa nsakrae yi ho no, U.S. Catholic nsɛmma nhoma no fa ɔsom mu nkyerɛkyerɛ ho panyin bi a ɔkae sɛ Katolekfo a wɔde wɔn ho hyɛɛ Bible adesua akuw mu no tee nka sɛ “sɛ́ Katolekfo no, wɔahwere ade, na nneɛma pa pii wɔ Bible no mu a ɛsɛ sɛ wohu. Wɔpɛ sɛ wonya nneɛma pa a wɔte nka sɛ wɔahwere no bi,” asɛm kae.

Sɛ saa na ɛte a, “nneɛma pa” bɛn na ɛwom a Bible suani betumi ahu? Susuw ho hwɛ: So wobɛpɛ sɛ wuhu sɛnea wubegyina asetram dadwen ahorow ano? Wobɛyɛ dɛn ama asomdwoe atra abusua mu? Dɛn nti na nnipa a wommu ade na wɔmpɛ nnipa adɔɔso saa? Dɛn na ɛma nnɛyi mmerante ne mmabaa yɛ basabasa saa? Wubetumi anya eyi ne nsɛmmisa afoforo a ɛkyere adwene ho mmuae a ɛtɔ asom wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu, na ɛnyɛ Katolekfo anaa Protestantfo nko na ɛbɛyɛ “nneɛma pa” ama wɔn, na mmom Buddhafo, Hindufo, Nkramofo, Shintofo, ne mpo wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne wɔn a wontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no nso. Sɛnea odwontofo no kae no: ‘Ná Onyankopɔn asɛm yɛ ne nan ase kanea ne ne kwan so hann.’ Ebetumi ayɛ saa ara ama wo.—Dwom 119:105.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena