Wɔde Onyankopɔn Din Di Dwuma Wɔ Afrika Mfinimfini Fam
NNIPA a wɔwɔ Afrika mfinimfini fam fã kɛse no ara gye Onyankopɔn di. Wɔn adwenem nyɛ wɔn nãã sɛ ɔno na Ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. (Adiyisɛm 4:11) Nanso, te sɛ nkurɔfo pii a wɔwɔ mmeae foforo no, wɔtaa bu wɔn ani gu ne din ankasa—a ɛne Yehowa—no so.
Nkurɔfo a wɔwɔ Afrika Mfinimfini fam ne wɔn a wɔwɔ wiase mmeae foforo no twe adwene si Onyankopɔn din so bere a wɔka sɛ: “Wo din ho ntew” wɔ Awurade Mpaebɔ mu no. (Mateo 6:9) Nanso, wɔ bere tenten bi ni no, nnipa kakraa bi na wonim saa din no. Nanso, wɔ mfe pii a abɛsen kɔ no mu no, nsiyɛ a Yehowa Adansefo de aka asɛmpa no asesa su a nkurɔfo kura wɔ Onyankopɔn din a wɔde di dwuma no ho. Ɛnnɛ, wonim Onyankopɔn din no wɔ mmeae pii na wogye tom wɔ Afrika kasa pii, te sɛ Zulu (uJehova), Yoruba (Jehofah), Xhosa (uYehova) ne Swahili (Yehova) mu. Nanso, Bible nkyerɛase pii a ɛwɔ kasa ahorow yi mu da so ara mfa Onyankopɔn din no nni dwuma.
Bible nkyerɛase a ɛde Onyankopɔn din di dwuma fɛfɛɛfɛ ne nea ɛwɔ Zande kasa mu, kasa a wɔka no Central African Republic, Sudan, ne Democratic Republic of Congo mmeae bi no. Wɔ saa wiase no fã hɔ no, nkurɔfo de Onyankopɔn din di dwuma, na wɔkyerɛw no Yekova wɔ wɔn kasa mu. Ɛmfa ho sɛnea wɔbɔ Onyankopɔn din no wɔ wo kasa mu no, ehia sɛ wɔde di dwuma. Dɛn ntia? Efisɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa, NW] din no benya nkwa.”—Romafo 10:13.
[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 32]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
CENTRAL AFRICAN REPUBLIC
SUDAN
DEMOCRATIC REPUBLIC OF CONGO
[Asɛm Fibea]
The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck