Onyame a Wonnim No Afɔremuka
ƆSOMAFO Paulo kɔɔ Atene, Hela wɔ bɛyɛ afe 50 Y.B. mu. Ɛhɔ no, ohuu afɔremuka bi a wɔasi ama onyame bi a wonnim no, ma akyiri yi ɔkaa ho asɛm bere a na ɔredi Yehowa ho adanse pa no.
Bere a Paulo refi ne kasa ase wɔ Mars Koko, anaa Areopago so no, ɔkae sɛ: “Atene mmarima, mahu sɛ nneɛma nyinaa mu mopɛ abosonsom papa. Efisɛ meretwam na mehwɛɛ nneɛma a mosom no, mihuu afɔremuka bi nso a wɔakyerɛw so sɛ: Onyame a wonnim no dea. Enti nea munnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm kyerɛ mo yi.”—Asomafo no Nnwuma 17:22-31.
Ɛwom sɛ wontumi nhuu saa Atene afɔremuka no da de, nanso afɔremuka horow a ɛtete saa wɔ Hela mmeae horow. Sɛ nhwɛso no, afeha a ɛto so abien Helani asase ho nsɛm ho ɔbenfo Pausanias kaa “anyame a Wonnim Wɔn” afɔremuka horow a ɛwɔ Phaleron, a ɛbɛn Atene, ho asɛm. (Description of Greece, Attica I, 4) Sɛnea nhoma koro no ara kyerɛ no, na “anyame a Wonnim Wɔn afɔremuka bi” wɔ Olympia.—Eleia I, XIV, 8.
Helani kyerɛwfo Philostratus (bɛyɛ 170-bɛyɛ 245 Y.B.) kae wɔ ne nhoma The Life of Apollonius of Tyana (VI, III), mu sɛ, wɔ Atene no, “wosisii afɔremuka maa anyame a na wonnim wɔn mpo.” Diogenes Laertius (bɛyɛ 200-250 Y.B.) nso kyerɛwee wɔ Lives of Philosophers (1.110) no mu sɛ, na “afɔremuka horow a edin biara nna so” wɔ Atene mmeae pii.
Romafo no nso sisii afɔremuka maa anyame a na wonni din. Biako a ne mfonini wɔ ha yi fi afeha a edi kan anaa nea ɛto so abien A.Y.B. mu tɔnn, na wɔakora so wɔ Palatine Antiquarium a ɛwɔ Roma, Italy no. Latin nkyerɛwee a wɔakurukyerɛw wɔ ho no kyerɛ sɛ ebia wohyiraa afɔremuka yi so maa “onyame anaa nyamewa” bi—kasasin a “ɛtaa pue wɔ mpaebɔ anaa nsɛm a wɔka de hyira biribi so, ne nhoma horow mu.”
Nnipa pii da so ara nnim “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa” no. Nanso sɛnea Paulo ka kyerɛɛ Atenefo no, saa Nyankopɔn yi—Yehowa—‘ne yɛn mu biara ntam kwan nware.’—Asomafo no Nnwuma 17:24, 27.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Altar: Soprintendenza Archeologica di Roma