Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 1/15 kr. 2-3
  • So Ɛyɛ Afeha a Satan Kɛntɛn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛyɛ Afeha a Satan Kɛntɛn So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa Bebrebe a Nasi Aban No Kunkum Wɔn No, Yehowa Adansefo Hu No Sɛn?—Dɛn Na Bible Ka?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Adɛn Nti Na Onyankopɔn Maa Kwan Maa Nasi Aban No Kunkum Nnipa Pii? Adɛn Nti Na Wansiw Ano?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nnipa Amanehunu Ho Asɛnnennen
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 1/15 kr. 2-3

So Ɛyɛ Afeha a Satan Kɛntɛn So?

“NEA enye koraa no, wobetumi afrɛ yɛn bere yi sɛ Satan afeha. Bere biara ntwaam pɛn a nnipa anya su ne akɔnnɔ kɛse sɛ wobekum nnipa afoforo ɔpepem pii esiane abusua, ɔsom ne gyinabea bi nti.”

Nnipa a wɔn ho nni asɛm a wɔde wɔn guu Nasi owu nsraban mu a wogyaee wɔn ho afahyɛ a ɛto so 50 a na wɔredi no na ɛmaa wɔkaa atifi hɔ asɛm no wɔ samufo afã wɔ The New York Times a ɛbaa January 26, 1995, no mu. Okunkɛse no—mmusua asetɔre ho nsɛm a agye din kɛse sen biara mu biako wɔ abakɔsɛm mu no—maa wokunkum Yudafo bɛyɛ ɔpepem asia. Nnipa a wɔnyɛ Yudafo a na wɔte Poland no bɛyɛ ɔpepem abiɛsa na wokunkum wɔn wɔ nea wɔato din “Okunkɛse a Werɛ Afi” no mu.

Jonathan Glover ka wɔ ne nhoma Humanity—A Moral History of the Twentieth Century mu sɛ: “Akontaa a wɔabu fi 1900 kosi 1989 no kyerɛ sɛ nnipa ɔpepem 86 na wokunkum wɔn wɔ ako-di mu.” Ɔde ka ho sɛ: “Nnipa a akodi ma wowuwui afeha a ɛto so aduonu mu no yɛ nea yentumi nhu ano. Mmɔden biara a obi bɛbɔ sɛ ɔbɛkyerɛ nnipa dodow a wowuwui no yɛ bɔtirimka, efisɛ bɛyɛ wɔn a wowuwui no mu nkyem abiɛsa mu abien (ɔpepem 58) na wokunkum wɔn wɔ wiase ko ahorow abien no mu. Nanso, sɛ wɔkyekyɛ nnipa dodow a wowuwui yi mu pɛpɛɛpɛ a, ɛbɛyɛ sɛ akodi kunkum nnipa bɛyɛ 2,500 da biara, ɛno bɛboro nnipa 100 a wokum wɔn toatoaa so dɔnhwerew biara wɔ mfirihyia aduakron mu.”

Enti, wɔafrɛ afeha a ɛto so 20 no sɛ afeha a wohwiee mogya gui wom sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Nadezhda Mandelstam kyerɛw wɔ ne nhoma Hope Against Hope mu sɛ: “Yehu nkonim a bɔne adi bere a wogu adesamma gyinapɛn ahorow ho fĩ na wotiatia so no.” Wɔ apere a wɔredi sɛ papa bedi bɔne so nkonim mu no, so bɔne adi nkonim ankasa?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

COVER: Mother and daughter: J.R. Ripper/SocialPhotos

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

U.S. Department of Energy photograph

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena