Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 2/15 kr. 32
  • “Ná Minni Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Pii”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ná Minni Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Pii”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 2/15 kr. 32

“Ná Minni Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Pii”

ƆBARIMA bi a ɔwɔ Kerala, India, kyerɛwee sɛ: “Bɛyɛ afe biako ni no, Yehowa Adansefo abɛsra me ne me abɔ Onyankopɔn Ahenni no ho nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Ná mayɛ Katolekni mfe awotwe, nanso na minni Onyankopɔn ho nimdeɛ pii. Wɔ saa afe biako pɛ yi mu no, masua nneɛma pii.” Ɔtoaa so sɛ: “Ɛyɛ me anigye kɛse sɛ mahu sɛ wotintim Ɔwɛn-Aban no wɔ kasa horow 139 mu [ɛwɔ kasa horow 146 mu seesei]. Ɛyɛ nwonwa sɛ nnipa a wofi kasa nyinaa mu rebehu Onyankopɔn ho asɛm.”

Ɛwom sɛ nyansapɛfo pii kyerɛ sɛ yentumi nhu Onyankopɔn de, nanso ɔsomafo Paulo maa emu daa hɔ pefee sɛ yebetumi ahu no. Bere a na Paulo rekasa akyerɛ Atenefo bi a na wɔn mu binom som wɔ “Onyame a wonnim no” afɔremuka so no, ɔkae sɛ: “Nea munnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm kyerɛ mo yi. Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa . . . ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa; na ɔmaa nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako mu traa asase so nyinaa.”—Asomafo no Nnwuma 17:23-26.

Paulo hyɛɛ n’atiefo nkuran sɛ wɔnhwehwɛ Ɔbɔadeɛ no na wonhu no, efisɛ “ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.” (Asomafo no Nnwuma 17:27) Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woahu nokware Nyankopɔn no ne ne su horow a ɛyɛ anigye no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena