Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 4/1 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dwom Nhoma a Edi Kan no mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nnwom Nhoma No​—Aduru A Ɛsa Koma No Yare
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nnwom Nhoma no Fã a Ɛto so Abien no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 4/1 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na ɔkwan a wɔde akontaahyɛde dii dwuma wɔ Nnwom nhoma no mu yɛ soronko wɔ Bible nkyerɛase ahorow mu?

Bible mũ a edi kan a na ɛwɔ ti ne nkyekyɛm ahorow ne Franse kasa mu Bible a Robert Estienne tintimii wɔ 1553 mu no. Nanso, ɛda adi sɛ na wɔakyekyɛ Nnwom nhoma no mu bere tenten ansa na wɔretintim saa Bible no, efisɛ na nnwom nhoma no yɛ nnwom ahorow a ankorankoro ato anaa nnwom ahorow a nnipa dodow bi ahyehyɛ.

Ɛda adi sɛ, Yehowa dii kan kyerɛɛ Dawid kwan ma ɔhyehyɛɛ nnwom dodow bi a na wɔde bedi dwuma wɔ ɔsom mu. (1 Beresosɛm 15:16-24) Wogye di sɛ Esra, a na ɔyɛ ɔsɔfo ne “ɔkyerɛwfo a wakokwaw” no na akyiri yi ɔkekaa Nnwom nhoma no nyinaa boom maa ɛyɛɛ sɛ nea yehu no nnɛ no. (Esra 7:6) Enti ɛda adi sɛ na Nnwom nhoma no yɛ nnwom a ankorankoro ato bere a wɔkeka boom no.

Wɔ ɔkasa bi a ɔsomafo Paulo mae wɔ hyiadan mu wɔ Antiokia (Pisidia) wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a edi kan mu no, ɔfaa asɛm fii Nnwom nhoma no mu kae sɛ: “Sɛnea wɔakyerɛw dwom a ɛto so abien no mu sɛ: Wone me ba, ɛnnɛ na mawo wo.” (Asomafo no Nnwuma 13:33) Wɔ Bible ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ mu no, saa nsɛm no da so ara pue wɔ dwom a ɛto so abien, nkyekyɛm 7 no mu. Nanso, nsonsonoe ahorow wɔ ɔkwan a wɔfaa so de akontaahyɛde dii dwuma wɔ nnwom ahorow no mu wɔ Bible nkyerɛase ahorow mu. Nea enti a eyi te saa ne sɛ nkyerɛase ahorow no bi gyina Hebri Masoretfo nkyerɛwee no so, na afoforo a aka no gyina Hela Septuagint, a ɛyɛ Hebri nkyerɛwee no a wɔkyerɛɛ ase wiei wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu, no so. Sɛ nhwɛso no, Latin Vulgate, a emu na Katolekfo Bible pii fi no, de akontaahyɛde a ɛwɔ Septuagint mu no na edii dwuma wɔ nnwom nhoma no mu, bere a New World Translation ne Bible afoforo de nea ɛwɔ Hebri nkyerɛwee no mu na edii dwuma no.

Dɛn ne nsonsonoe no ankasa? Hebri nkyerɛwee no kura nnwom a ne dodow si 150. Nanso, Septuagint no de Nnwom 9 ne 10 bom biako, na ɛde Nnwom 114 ne 115 bom biako. Bio nso, ɛkyɛ Nnwom 116 ne 147 mu biara yɛ no nnwom abien. Ɛwom sɛ nnwom nhoma no nyinaa dodow yɛ pɛ de, nanso sɛnea wɔahyehyɛ Dwom 10 kosi Dwom 146 wɔ Septuagint mu no so tew biako sen nea ɛwɔ Hebri nkyerɛwee mu no. Enti, Dwom 23 a yenim no yiye no pue sɛ Dwom 22 wɔ Douay Version a ɛde akontaahyɛde a ɛwɔ Latin Vulgate mu, a ɛno nso de akontaahyɛde a ɛwɔ Septuagint mu na edii dwuma mu no mu.

Awiei koraa no, akontaahyɛde ahorow a wɔde dii dwuma maa nkyekyɛm ahorow bi no betumi ayɛ soronko wɔ nkyerɛase ahorow mu. Dɛn ntia? McClintock ne Strong’s Cyclopedia ka sɛ, nea enti a eyi te saa ne sɛ nkyerɛase ahorow bi di “Yudafo adeyɛ a na ɛne sɛ wɔde atifi asɛm bɛyɛ nkyekyɛm a edi kan” no akyi, nanso afoforo nyɛ saa. Nokwarem no, sɛ asɛmti anaa atifi asɛm bi ware a, mpɛn pii no wɔfa no nkyekyɛm ahorow abien, na ɛma nkyekyɛm dodow a ɛwɔ nnwom no mu nso dɔɔso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena