Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 7/1 kr. 3
  • Ɔdɔ Ho Hia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdɔ Ho Hia
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɔ Onyankopɔn A Ɔdɔ Wo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nea Yɛyɛ De Kyerɛ Sɛ Yɛdɔ Yɛn Yɔnko
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Momma Ɔdɔ Nhyɛ Yɛn Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wo Dɔ Kɔ Akyiri Kodu He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 7/1 kr. 3

Ɔdɔ Ho Hia

ƐMFA ho mfe a obi adi, n’amammerɛ, kasa a ɔka, anaa abusua a ofi mu no, nnipa nyinaa hia ɔdɔ. Sɛ wɔanni saa ahiade no ho dwuma a, wɔn ani nnye. Aduruyɛ mu nhwehwɛmufo bi kyerɛwee sɛ: “Ɔdɔ ne nkitahodi yɛ nneɛma titiriw a ɛma yɛyare na ɛma yenya apɔwmuden nso, nea ɛma yedi awerɛhow na ɛma yenya anigye, nea ɛma yehu amane ne nea ɛma yenya ayaresa. Sɛ aduru foforo bi wɔ saa nkɛntɛnso no a, ɛkame ayɛ sɛ anka ɔman no mu duruyɛfo biara bɛkamfo akyerɛ n’ayarefo. Ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ ɔrenkamfo nkyerɛ.”

Nanso, adesamma abusua a ɛwɔ hɔ nnɛ, titiriw nsɛm ho amanneɛbɔfo ne nhwɛsofo a wɔagye din, taa twe adwene si ahonyade, tumi, edin, ne ɔbarima ne ɔbea nna so kɛse sen abusuabɔ pa a ɔdɔ wom a nnipa hia no. Nhomanimfo pii twe adwene si wiase botae ne nnwuma ahorow so, na saa nneɛma yi so titiriw na wogyina kyerɛ obi yiyedi. Ampa, nhomasua ne obi dom akyɛde a ɔde di dwuma ho hia, nanso so ɛsɛ sɛ obi de n’adwene nyinaa kɔ saa nneɛma no so araa ma enti onnya bere mma n’abusua ne nnamfonom? Tete nhomanimfo bi a na ɔkyerɛw nhoma a ogyen n’ani hwɛɛ sɛnea nnipa su te no de obi a ɔwɔ ɔdom akyɛde bi nanso onni dɔ no totoo “ayowa a egyigye anaa dɔn a ɛwosow” ho. (1 Korintofo 13:1) Nnipa a wɔte saa no betumi adi yiye, na wɔagye din mpo, nanso na wonni anigye ankasa.

Yesu Kristo, a na ɔwɔ ntease kɛse na n’ani gye nnipa ho yiye no, de ɔdɔ a yebenya ama Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo nnipa no yɛɛ ne nkyerɛkyerɛ mu ade titiriw. Ɔkae sɛ: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! . . . Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Mateo 22:37-39) Wɔn a wodii saa nsɛm yi so nkutoo na na wɔbɛyɛ Yesu nokware akyidifo. Enti, ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35.

Nanso, ɔkwan bɛn so na obi nya ɔdɔ wɔ nnɛ wiase mu? Na ɔkwan bɛn so na awofo betumi de ɔdɔ akyerɛkyerɛ wɔn mma? Asɛm a edi hɔ no besusuw nsɛmmisa yi ho.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 3]

Ɛyɛ den sɛ wubenya ɔdɔ wɔ wiase a adifudepɛ ahyɛ mu ma mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena