Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 7/15 kr. 32
  • Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wosu Hwehwɛ Mmoa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wosu Hwehwɛ Mmoa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 7/15 kr. 32

Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wosu Hwehwɛ Mmoa

BIBLE no nyɛ adwenem ayaresa ho nhoma. Nanso, ɛma yɛn awerɛkyekye na ɛboa yɛn ma yenya asetram anigye a ɔhaw ahorow a yehyia mfa ho. Nokwarem no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Yɛn ankasa sintɔ de sɔhwɛ ahorow no bi ba yɛn so. Nanso, hena titiriw na ɔde nnipa amanehunu ba?

Bible kyerɛ sɛ saa onii no ne honhommɔne a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan no. Ɔno na “ɔdaadaa amanaman nyinaa” na ɔde ɔhaw pii ba adesamma so. Nanso, Bible ka kyerɛ yɛn nso sɛ ne bere resa. (Adiyisɛm 12:​9, 12) Ɛrenkyɛ Onyankopɔn de ne ho begye nsɛm mu na ama amanehunu a Satan de aba asase sotefo so no nyinaa aba awiei. Sɛnea Bible kyerɛ no, wiase foforo a trenee te mu a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no beyi abasamtu afi hɔ.​—2 Petro 3:13.

Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ nnipa amanehunu yɛ bere tiaa mu ade! Ntɛnkyea ne amanehunu bɛba awiei wɔ Onyankopɔn soro Ahenni a Yesu Kristo di so tumi no ase. Kyerɛwnsɛm no ka Onyankopɔn Hene a wapaw no no ho asɛm sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.”​—Dwom 72:​12-14.

Bere a saa nkɔmhyɛ nsɛm yi bɛbam no abɛn yiye. Yebetumi anya daa nkwa wɔ tebea horow a ɛyɛ anigye mu wɔ asase so paradise mu. (Luka 23:​43; Yohane 17:3) Kyerɛwnsɛm mu bɔhyɛ ahorow a ɛhyɛ den yi a wɔn a wɔresu hwehwɛ mmoa hu no ma wonya anidaso ne awerɛkyekye.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Abeawa a wahaw: Photo ILO/J. Maillard

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena