Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 8/1 kr. 32
  • “Nnipa Baanu Bɔɔ Yɛn Pon Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nnipa Baanu Bɔɔ Yɛn Pon Mu”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 8/1 kr. 32

“Nnipa Baanu Bɔɔ Yɛn Pon Mu”

“MFE abien ni a yedii awerɛhow kɛse wɔ yɛn babea kumaa a yɛhweree no no ho.” Sɛɛ na wɔhyɛɛ krataa bi a obiara tumi kenkan bi a wɔkyerɛw no wɔ atesɛm krataa Le Progrès a wotintim no wɔ Saint-Étienne, France, mu no ase.

“Na Mélissa adi asram abiɛsa na yare a ɛyɛ hu a wɔfrɛ no trisomy 18 (yare a ɛka amemene, koma, tikora, ne dompe a mfe mparow kura mu) bɔɔ no. Wuntumi nni awerɛhosɛm a ɛte sɛ nea ɛnteɛ yi so koraa da. Ɛwom sɛ wɔtetee yɛn wɔ Katolekfo asɔre mu de, nanso na asɛm a ɛne sɛ ‘Onyankopɔn, sɛ wowɔ hɔ a, dɛn nti na woma nneɛma a ɛte saa ba?’ no haw yɛn adwene.” Ɛda adi pefee sɛ, na ɛna a ɔkyerɛw saa krataa no ahaw na na n’abam abu. Ne krataa no toa so sɛ:

“Wɔ nsɛm yi akyi bere tiaa bi no, nnipa baanu bɛbɔɔ yɛn pon mu. Mihuu no ntɛm so sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo. Na mayɛ krado sɛ mefi obu mu apam wɔn, nanso mihuu nhomawa bi a na wɔde rema. Na ɛfa nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan ho. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ mɛma wɔaba mu a adwene no ne sɛ mɛbɔ wɔn nsɛm no agu. Misusuwii sɛ ɛdefa amanehunu ho de, na m’abusua no anya ne so ne ne de dedaw, na na nsɛnhunu te sɛ ‘Onyankopɔn na ɔde no maa yɛn, na Onyankopɔn afa no kɔ’ no afono yɛn. Adansefo no traa me nkyɛn dɔnhwerew biako ne kakra. Wofi ayamhyehye kɛse mu tiee me, na bere a na wɔrekɔ no na me ho atɔ me ara ma enti mepenee nsrahwɛ foforo so. Eyi sii bɛyɛ mfe abien ni. Ɛwom sɛ memmɛyɛɛ Yehowa Dansefo de, nanso me ne wɔn fii ase suaa Bible no na bere biara a metumi no, mekɔ wɔn asafo nhyiam.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena