Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 12/1 kr. 32
  • Mmura A Ennyina Nsu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmura A Ennyina Nsu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 12/1 kr. 32

Mmura A Ennyina Nsu

WƆ Bible mmere mu no, na mmura yɛ amoa a wɔatu a wɔkora nsu titiriw wom. Sɛ edu mmere bi a, ná ɛno nkutoo ne ɔkwan a wobetumi afa so akora nsu a wonya wɔ Bɔhyɛ Asase no so.

Bere a odiyifo Yeremia rekyerɛw Yehowa anom asɛm bi no, ɔkaa mmura ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ: “Bɔne abien na me man ayɛ, wɔagyaw me a meyɛ nkwa nsuti no, sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaapae a entumi nnyina nsu.”—Yeremia 2:13.

Ná Israelfo no agyaw wɔn Nyankopɔn Yehowa—“nkwa nsuti no”—ne aman a wɔnsom Yehowa no akɔyɛ sraadi apam, na na wɔsom atoro anyame a wonni tumi biara. Sɛnea Yeremia ntotoho no kyerɛ no, ade a wɔde yɛɛ wɔn guankɔbea no yɛ mmura a apaapae a antumi ammɔ wɔn ho ban anaa annye wɔn.—Deuteronomium 28:20.

So asuade bi wɔ abakɔsɛm mu nhwɛso yi mu ma yɛn nnɛ? Sɛnea na ɛte wɔ Yeremia bere so no, Yehowa, Nyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa no nkutoo na ɔyɛ nkwa nsuti. (Dwom 36:9; Adiyisɛm 4:11) Ɔno nkutoo hɔ na nnipa betumi anya daa nkwa denam ne Ba Yesu Kristo so. (Yohane 4:14; 17:3) Nanso, te sɛ Yeremia bere sofo no, ɛnnɛ nnipa pii yɛ wɔn adwene sɛ wɔrentie Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Bible mu no, na wogye ho kyim mpo. Mmom no, wɔde wɔn ho to amammui nhyehyɛe, nnipa nsɛnhunu, amammui nsusuwii ne nyansapɛ ahorow a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam so de hwehwɛ ano aduru. (1 Korintofo 3:18-20; Kolosefo 2:8) Hena na wode wo ho bɛto ne so? Wode wo ho bɛto Yehowa, “nkwa nsuti no” so anaa “mmura a apaapae a entumi nnyina nsu no so”? Ɛnyɛ den sɛ wobɛpaw mu biako.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Ɛna nyamewa honi ketewaa bi a wɔde dɔte kɔkɔɔ ayɛ a wohuu wɔ Israelfo damoa mu

[Asɛm Fibea]

Photograph taken by courtesy of the British Museum

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena