Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 10/1 kr. 32
  • Ɛnyɛ Agodie Kɛkɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnyɛ Agodie Kɛkɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 10/1 kr. 32

Ɛnyɛ Agodie Kɛkɛ

MMOFRA pɛ agoru. Nanso nhoma bi a wɔfrɛ no The Developing Child (Abofra a Ɔrenyin) ka sɛ, agodie “nyɛ ade a ɛho nhia anaa ɛso nni mfaso. Ɛte sɛ nea ɛno na ɛma abofra tumi de n’adwene yɛ nneɛma.” Mmofra nam agodie so hu nea nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no kyerɛ, wosua sɛnea wɔde wɔn nkatede bɛyɛ adwuma, ne afei nso sɛnea wɔne afoforo bɛbɔ.

Sɛ mmofra di fi mfe anan anaa anum rekɔ a, wosuasua nneɛma a mpanyimfo yɛ wɔ wɔn agodie mu. Yesu kaa mmofra a wɔredi agoru ho asɛm bere bi. Ebinom yɛɛ wɔn ho sɛnea wɔrehyia “ayeforo,” ɛnna afoforo nso yɛɛ wɔn ho sɛnea wɔreyɛ “ayi,” na sɛnea mmofra taa yɛ no, esiane sɛ na ebinom mpɛ sɛ wodi agoru no nti, wɔkasakasae. (Mateo 11:16, 17) Agoru a ɛte saa tumi de biribi pa dua abofra a ɔrenyin no adwene mu.

Mmofra a wɔwɔ mfonini a ɛwɔ ha mu no reyɛ te sɛ nea wɔne obi reyɛ Bible adesua. Ɛwom sɛ nea wɔreyɛ no nyɛ Bible adesua ankasa de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ Bible mu nsɛm a wɔbɛka akyerɛ afoforo no ho asɛm wɔ wɔn adwenem. Eyi yɛ asuade a ɛho hia paa efisɛ Yesu hyɛɛ n’akyidifo nyinaa sɛ wɔnyɛ nnipa n’asuafo na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea wahyɛ wɔn nyinaa so.—Mateo 28:19, 20.

Sɛ awofo a wɔn mma taa yɛ wɔn ho sɛ wɔreyɛ Bible adesua, afie afie asɛnka, anaa wɔrema ɔkasa no ani gye a, ɛfata saa. Mmofra suasua nea wohu sɛ mpanyimfo reyɛ. Agoru a mmofra di a egyina Bible so da no adi sɛ wɔrema wɔn “nkyerɛkyerɛ ne afotu a Awurade pɛ.”—Efesofo 6:4, Charles B. Williams.

Yehowa pɛ sɛ mmofra nya nokware som mu kyɛfa. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, sɛ wɔrekenkan Mmara nhoma no a wɔmfa “mmofra” nso mmra hɔ. (Deuteronomium 31:12) Sɛ wɔma mmofra hu sɛ nea wɔresua no fa wɔn ho a, ɛbɛda adi wɔ wɔn agodie mu. Sɛ abofra bi yɛ ne ho sɛ Onyankopɔn somfo wɔ n’agodie mu a, ɛyɛ anammɔn a edi kan a ɛbɛma wabɛyɛ saa daakye na ɔretu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena