Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 10/15 kr. 32
  • So Wubetumi Ayɛ Nea Wokenkan No Ho Mfonini Wɔ W’adwenem?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Ayɛ Nea Wokenkan No Ho Mfonini Wɔ W’adwenem?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 10/15 kr. 32

So Wubetumi Ayɛ Nea Wokenkan No Ho Mfonini Wɔ W’adwenem?

SƐ WUBETUMI ayɛ nsɛm a asisi ho mfonini wɔ w’adwenem a, nea ɛbɛboa wo ne sɛ wubehu mmeae a wokenkan ho nsɛm no. Sɛ nhwɛso no, susuw ɔsomafo Paulo asɛmpatrɛw akwantu a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu nhoma a ɛne Asomafo no Nnwuma no mu ho hwɛ. Ofii n’asɛmpatrɛw adwuma a edi kan no ase wɔ Antiokia, beae a wodii kan frɛɛ Yesu akyidifo Kristofo no. Ofii hɔ no, ɔkɔɔ mmeae te sɛ Salami, Antiokia a ɛwɔ Pisidia, Ikonion, Listra, ne Derbe. So wubetumi ayɛ mmeae a na saa nkurow yi wɔ ho mfonini wɔ w’adwenem?

Ebia worentumi gye sɛ wowɔ asase mfonini. Wɔde asase mfonini a ɛte saa aka nhomawa foforo, ‘Hwɛ Asase Pa No’ a ekura kratafa 36 no ho. Ɔkenkanfo bi a ofi Montana, U.S.A, de anisɔ kae sɛ: “Mitumi hu mmeae a Paulo tutuu akwan kɔɔ hɔ no na mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ sɛnea na n’akwantu no te ne adwuma a ɔne afeha a edi kan Kristofo no yɛe de trɛw asɛmpa no mu no ho mfonini wɔ m’adwenem. Meda mo ase wɔ asase mfonini fɛfɛ a ɛte saa yi ho.”

Asase mfonini a ɛfa Paulo akwantu ho no yɛ asase mfonini pii a ɛwɔ saa nhomawa yi mu a ɛbɛboa nea ɔkenkan Bible ma wayɛ nea wɔka ho asɛm no ho mfonini wɔ n’adwenem no mu biako pɛ. Wubetumi akra ‘Hwɛ Asase Pa No’ nhomawa no bi denam kratasin a ɛka ho yi a wobɛhyehyɛ de amena address a wɔakyerɛ wɔ ha no anaa nea ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 2 no mu nea ɛfata so.

□ Momfa ‘Hwɛ Asase Pa No’ nhomawa no biako mmrɛ me.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena