Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 12/15 kr. 32
  • ‘M’ani Agye Me Ntetee no Ho’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘M’ani Agye Me Ntetee no Ho’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 12/15 kr. 32

‘M’ani Agye Me Ntetee no Ho’

ABEAWA Kazuna ho dwiriw no bere a ne kyerɛkyerɛfo kae sɛ onkosi Engiresi kasa ho akan bi no. Ná Japan atifi fam supɔw kɛse Hokkaido so ntoaso sukuu nyinaa betumi asi akan yi bi, nanso na ne sukuu no nsii bi da. Da a wosii akan no, Kazuna yam hyehyee no efisɛ na ɛsɛ sɛ ɔne sukuufo afoforo bɛyɛ 50 na esi akan no. Ne koma tui kɛse mpo bere a ohui sɛ nnipa baanu a wɔbɛpaw nkonimdifo no yɛ Engiresifo no.

Wɔbobɔɔ nkonimdifo no din, nea na ne nkonimbo sua koraa no na wodii kan bɔɔ ne din. Bere a wɔbɔɔ Kazuna din sɛ ɔno na odii kan no, ne ho dwiriw no. Ɔne ne kyerɛkyerɛfo a ɔte ne nkyɛn no de ahodwiriw hwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim. Kazuna de ahodwiriw no kɔɔ adehwɛ pon no so kogyee ne nkonimbo—a ɛne nea odii kan nkonimbo no!

Kazuna a na n’ani agye no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ntetee a Yehowa ahyehyɛde no nam Teokrase Ɔsom Sukuu no so de ma no na ɛma mitumi dii nkonim. Ɛyɛ me anigye sɛ manya saa ntetee yi.” Saa sukuu no a Kazuna de ne ho ahyem fi ne mmofraberem no yɛ Yehowa Adansefo asafo nhyiam ahorow no mu biako. Bere a Kazuna resiesie ne ho ama akansi no, ɔde n’adwene sii sɛnea wɔde akasam di dwuma, de ɔhyew ne anigye kasa, de nipadua no si nsɛm so dua, hwɛ atiefo anim, ne nneɛma foforo a wɔkyerɛkyerɛ wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no so kɛse.

Yɛsrɛ sɛ gye nsa a wɔto frɛ wo sɛ kɔhwɛ sɛnea wɔyɛ sukuu yi dapɛn biara wɔ mo hɔnom Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no bi. Kɔhwɛ sɛnea mpanyin ne mmofra renya so mfaso. Obiara betumi akɔ nhyiam yi bi. Sɛ wopɛ sukuu yi a ɛbɛn wo ho nsɛm foforo a, hu mo hɔnom Yehowa Adansefo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena