Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 2/15 kr. 32
  • Hena na Ɔbɛma Wiase no Aduan?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena na Ɔbɛma Wiase no Aduan?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 2/15 kr. 32

Hena na Ɔbɛma Wiase no Aduan?

SƐNEA Boayikuw a Ɛhwɛ Wiase Aduan Ho Nsɛm So, Amanaman Nkabom asoɛe a ɛko tia ɔkɔm akontaabu kyerɛ no, ɔkɔm rebɛde nnipa ɔpepem 800 a wɔn mu pii yɛ mmofra. Nnansa yi, saa asoɛe no kae sɛ ɔhaw afoforo te sɛ amumɔyɛsɛm ama mmoa a aman a anya nkɔso de ma no agyae ba. Nsanyare ahorow a ɛretrɛw ama ɔhaw no mu ayɛ den. Global School Feeding Report asoɛe no ka Afrika aman a AIDS abu so wɔ hɔ ho asɛm sɛ: “Awofo pii na AIDS rekunkum wɔn. Mpɛn pii no, mmofra a wowu gyaw wɔn no ankasa na wɔhwɛ wɔn ho, na wɔn mu pii nni kuayɛ ne da biara da asetra ho nimdeɛ a wɔde ma nkyirimma no.”

Boayikuw a Ɛhwɛ Wiase Aduan Ho Nsɛm So no reyɛ nhyehyɛe bi a n’atirimpɔw ne sɛ anyɛ yiye koraa no wɔbɛma sukuufo aduan pɛnkoro da biara. Ɛnyɛ adwene no ne sɛ wɔbɛma ɔkɔm nkutoo ano abrɛ ase, na mmom sɛ wɔnam so nso bɛma ntetee a wɔayɛ de rebrɛ HIV/AIDS ase wɔ mmabun mu no mu ayɛ den.

Mmeae a wɔayɛ saa nhyehyɛe yi dedaw no, mmofra nsa ka nnuan, nipaduam ahotew ho ntetee, ne mmoa afoforo. Wɔasan ahu nso sɛ wɔ mmeae a nkurɔfo sakra wɔn abrabɔ no, HIV/AIDS ɔyare no brɛ ase.

Awerɛhosɛm ne sɛ, nea ɛtaa fi nnipa mmɔdenbɔ mu ba no nni mũ na edi huammɔ. Nanso, Bible no de bɔhyɛ a awerɛkyekye wom ma sɛ wobeyi aduankɔm afi hɔ koraa. Dwom 72:16 ka sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no nnipa betumi aka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ: “Woabɛhwɛ asase agugu so nsu, woama ɛso aduan abu so bebree . . . womaa wɔn aburow gyinae, woma esii so sɛ ɛsɛ.”—Dwom 65:9.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

WFP/Y. Yuge

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena