Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 8/15 kr. 32
  • Bible Ho Anigye no Yɛɛ Wɔn Fɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Ho Anigye no Yɛɛ Wɔn Fɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 8/15 kr. 32

Bible Ho Anigye no Yɛɛ Wɔn Fɛ

MARIANNA, a ɔyɛ Yehowa Dansefo wɔ Italy anafo fam no adi mfe 18, na ɔwɔ n’afe a etwa to wɔ ntoaso sukuu mu. Ɔne Adansefo mmofra afoforo na ɛkɔ sukuu koro.

Marianna kyerɛwee sɛ: “Bɛyɛ mfe kakraa ni no, yɛn mu bi bom kenkan Bible kyerɛwsɛm a yesusuw ho da biara no wɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhomawa no mu bere a yɛregye yɛn ahome no. Beae koro pɛ a yetumi kenkan nhomawa yi ne abrannaa a ɛbɛn akyerɛkyerɛfo dan a wohyiam no. Na dede wɔ hɔ kakra. Sɛ akyerɛkyerɛfo no bi retwam a wohu yɛn, na ebinom gyina hwɛ nea yɛreyɛ. Eyi ma yɛtaa nya hokwan bua wɔn nsɛmmisa. Sɛ yɛkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, da biara ɔkyerɛkyerɛfo baako gyina bisa yɛn asɛm. Wɔn mu pii tie yɛn nkyerɛkyerɛmu a efi Bible kyerɛwsɛm no mu no na anigye a yɛn a yɛyɛ Adansefo no wɔ wɔ honhom fam nneɛma ho no yɛ wɔn fɛ. Da bi, sukuu panyin abadiakyiri no too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛbɔ yɛn nkɔmmɔ no wɔ akyerɛkyerɛfo dan a wohyiam no mu.

“Bere a me kyerɛkyerɛfo huu faako a yɛresusuw kyerɛwsɛm no ho no, ɔsrɛɛ sukuu panyin no sɛ ebia ɔbɛma yɛasusuw ho wɔ sukuu dan no biako a ɛhɔ yɛ dinn no mu anaa. Sukuu panyin no maa yɛn hokwan, na me kyerɛkyerɛfo no kamfoo yɛn wɔ sukuufo no nyinaa anim wɔ nhwɛso pa a yɛda no adi no ho. Yɛn nyinaa ani gye kɛse wɔ hokwan kɛse a Yehowa de ama yɛn no ho.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena