Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 11/1 kr. 32
  • Wɔka Asɛmpa no Kyerɛ Asotifo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔka Asɛmpa no Kyerɛ Asotifo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 11/1 kr. 32

Wɔka Asɛmpa no Kyerɛ Asotifo

“WƆDE Onyankopɔn asɛm brɛ mo!” Saa na nnansa yi ara ɔpanyin a ɔhwɛ beae a wɔn a wɔn mfe akɔ anim tete so wɔ Navalcarnero, Madrid, Spain kaa faa nsrahwɛ bi a Yehowa Adansefo bae wɔ atrae hɔ no ho. Dɛn na ɛkaa no ma ɔkaa saa?

Nnipa a wɔtete Rosas del Camino no mu dodow no ara yɛ asotifo. Nanso, esiane sɛ Adansefo no abɔ mmɔden asua Spaniafo Mum Kasa no nti, wotumi ne nnipa a wɔtete hɔ no bɔ nkɔmmɔ. Ɔpanyin a ɔhwɛ hɔ no kamfoo Adansefo no sɛ wɔde wɔn bere kyerɛkyerɛ asotifo Bible mu nsɛm a wonnye hwee. Ohuu sɛnea Ahenni ho asɛmpa a wɔde kyerɛkyerɛ kurom hɔfo no anya wɔn so nkɛntɛnso pa no. Kurom hɔfo, ne titiriw, wɔn a wɔyɛ asotifo anaa wɔn ani afura no nso bu Adansefo no nsrahwɛ no sɛ ɛso wɔ mfaso paa.

Kurom hɔni bi a wɔfrɛ no Eulogio a ɔyɛ ɔsotifo ne onifuraefo no ne Yehowa Adansefo resua Bible seesei. Da koro bi a na wɔresua ade no, owura bi a ne mfe akɔ anim baa hɔ de anwensɛm bi a kurom hɔfo ahyehyɛ de rekyerɛ anisɔ a wɔwɔ ma Yehowa Adansefo no brɛɛ Ɔdansefo no. Ná wɔato anwensɛm no din sɛ, “Ɔdansefo a Wobɛyɛ.” Ne fã bi kae sɛ: “Adansefo wɔ asetra a abotɔyam wom, wɔhwɛ wɔn ho so yiye, na wonya nyansa a ɛma wɔn ani gye fi Yehowa hɔ. Wɔtaa sra yɛn wɔ afie mu efisɛ wɔwɔ Yehowa mu ahotoso.”

Ɛyɛ saa ahotoso a Adansefo wɔ wɔ Yehowa mu yi na ɛka wɔn mu pii a wɔwɔ wiase nyinaa ma wosua ɔman a wɔte mu no mu mum kasa no. Wɔnam saa kwan yi so ka anidaso asɛm a ɛwɔ Bible mu kyerɛ nnipa a wɔtete saa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena