Wo ne Yɛn Nhyiam—Wukuda, April 12
Anadwo a Ɛsɛ sɛ Wokae
Anadwo ansa na Yesu Kristo rewu no, ɔde ne wu ho Nkaedi no sii hɔ. Bere a Yesu de bobesa ne abodoo a mmɔkaw nnim yɛɛ ne nipadua ne ne mogya ho sɛnkyerɛnne no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”—Luka 22:19.
Yehowa Adansefo de anigye to nsa frɛ wo sɛ bɛka wɔn ho ma wonni afahyɛ yi mfa ntie Yesu ahyɛde yi. Yɛsrɛ sɛ hwɛ nsaano krataa yi akyi anaa bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ ma wɔnkyerɛ wo beae pɔtee ne bere a wɔbɛyɛ no.