Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 7/15 kr. 32
  • ‘Ɔsoro Dansefo Nokwafo’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ɔsoro Dansefo Nokwafo’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 7/15 kr. 32

‘Ɔsoro Dansefo Nokwafo’

ANWENSƐM akyerɛwfo ne wɔn a wɔhyehyɛ nnwom fi bere tenten akamfo ɔsram sɛ ade a ɛyɛ fɛ. Sɛ nhwɛso no, nnwom bi a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee ka ɔbea bi a ne ho yɛ fɛ ho asɛm sɛ ɔte “sɛ ɔsram.” (Nnwom mu Dwom 6:10) Na odwontofo bi nso frɛɛ ɔsram no anwensɛm kwan so sɛ ‘ɔsoro dansefo nokwafo.’ (Dwom 89:37) Dɛn na nsɛm a wɔka faa ɔsram ho yi kyerɛ?

Ɔsram no de nnafua 27 ne bɛyɛ nnɔnhwerew ason twa asase no ho hyia bere biara. Enti sɛnea ɔsram no pue wɔ bere ano pɛpɛɛpɛ no kyerɛ sɛ yebetumi de yɛn ho ato so. Nanso ɛbɛyɛ sɛ na odwontofo no kura adwene foforo koraa wɔ ɔsram no ho. Ɔfrɛɛ ɔsram no ‘ɔdansefo nokwafo’ wɔ dwom bi a ɔnam nkɔmhyɛ so hyehyɛe a ɛfa Ahenni a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no ho mu.—Mateo 6:9, 10.

Bɛboro mfirihyia 3,000 a atwam ni no, Yehowa Nyankopɔn ne tete Israel hene Dawid yɛɛ Ahenni apam bi. (2 Samuel 7:12-16) Atirimpɔw a enti wɔyɛɛ saa apam no ne sɛ wɔbɛyɛ mmara a ɛbɛma Yesu Kristo adi hene daa sɛ obi a odi Dawid ade. (Yesaia 9:7; Luka 1:32, 33) Bere a odwontofo no retwe adwene asi Dawid “aseni” no ahengua no so no, ɔtoo dwom sɛ: “Ebetim hɔ sɛ ɔsram daa, na ɔsoro dansefo no yɛ ɔnokwafo.”—Dwom 89:36, 37.

‘Kanea a edi anadwo so’ a ɛne ɔsram no kae yɛn wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ Kristo nniso no bedi tumi daa. (Genesis 1:16) Daniel 7:14 ka n’Ahenni no ho asɛm sɛ: “Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.” Ɔsram yɛ ɔdansefo a ɔma yɛkae saa Ahenni no ne nhyira horow a ɛde bɛbrɛ adesamma no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Ɔsram: NASA photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena