Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 10/15 kr. 32
  • “M’ani Gyee Sɛnea Ogyinaa Pintinn No Ho”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “M’ani Gyee Sɛnea Ogyinaa Pintinn No Ho”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 10/15 kr. 32

“M’ani Gyee Sɛnea Ogyinaa Pintinn No Ho”

GÜNTER GRASS a ɔyɛ German nhomakyerɛwfo a onyaa Nobel Abasobɔde wɔ Nhomakyerɛw ho wɔ afe 1999 mu no kyerɛw n’ankasa ho asɛm wɔ afe 2006 mu. Ɔkaa bere a wɔfaa no kɔkaa German bammɔ adwumayɛfo ho no ho asɛm wom. Wɔ nhoma koro no ara mu no, ɔkaa sɛnea n’ani gyee ɔbarima bi suban a ɔdaa no adi, a bɛboro mfe 60 ni ɔda so kae no ho asɛm. Ná ɔno nkutoo ne obi a ne gyidi nti wɔtaa no.

Wɔ nsɛm bi a wobisabisaa Grass a wotintimii wɔ atesɛm krataa bi mu no, Grass kaa ɔbarima soronko yi a wamfa ne ho anhyɛ sraadi mu no ho asɛm. (Frankfurter Allgemeine Zeitung) Grass kae sɛ na ɔbarima no “nka Nasifo, Komunisfo, anaa Sohyialisfo a na wɔagye din saa bere no ho. Ná ɔyɛ Yehowa Dansefo.” Grass nkae Ɔdansefo a ɔtoo no din, Yɛnyɛ nneɛma a ɛtete saa, no din. Wɔn a wɔyɛ Yehowa Adansefo ho nhwehwɛmu ahu sɛ ɔbarima no ne Joachim Alfermann. Wɔhwee no guu n’anim ase mpɛn pii, na afei wɔde ɔno nkutoo kɔtoo afiasedan bi mu. Nanso Alfermann gyinaa pintinn, na wankɔ sraadi.

Grass kae sɛ, “M’ani gyee sɛnea ogyinaa pintinn no ho. Mibisaa me ho sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na otumi gyinaa eyi nyinaa ano? Ɔyɛɛ dɛn yɛɛ saa?” Bere a wɔyɛe ara sɛ wɔbɛma Alfermann abu Onyankopɔn mmara so nanso anyɛ yiye no, akyiri yi wɔde no kɔtoo Stutthof nneduaban mu wɔ February 1944 mu. Wogyaa no wɔ April 1945 mu, na onyaa ne ti didii mu wɔ ɔko no mu na ɔkɔɔ so dii nokware sɛ Yehowa Dansefo kosii sɛ owui wɔ afe 1998 mu.

Ná Alfermann yɛ Adansefo 13,400 a wɔwɔ Germany ne aman a na ɛhyɛ Nasi nniso ase, a wɔn gyidi nti wɔyɛɛ wɔn ayayade no mu baako. Wɔde Bible akwankyerɛ yɛɛ adwuma, na wɔamfa wɔn ho anhyɛ amanyɔsɛm ne sraadi mu. (Mateo 26:52; Yohane 18:36) Wɔde Adansefo bɛyɛ 4,200 koguu nneduaban ahorow mu, na 1,490 nso wuwui. Ɛnnɛ mpo, nnipa pii a wɔnyɛ Adansefo no ani gye sɛnea Adansefo no gyinaa pintinn no ho.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Joachim Alfermann

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena