So Wode Hokwan Biara a Wunya Ka Wo Gyidi Ho Asɛm Kyerɛ Afoforo?
“SO NOKWARE turodoo bi wɔ hɔ?” Ná eyi ne akansi bi asɛmti a wɔde mae wɔ Poland man no mu sɛ wɔnkyerɛw biribi mfa nkyerɛkyerɛ mu. Akwankyerɛ ahorow a wɔde mae wɔ asɛmti no ho ne sɛ: “Yenhia nokware turodoo biara. Obiara nhia. Na nokware turodoo biara nni hɔ mpo.” Agata a wadi mfe 15, a ɔkɔ ntoaso sukuu na ɔyɛ Yehowa Dansefo no sii gyinae sɛ ɔde hokwan yi bɛka ne som mu gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo.
Agata dii kan bɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ n’akwankyerɛ de siesiee ne ho, na afei ofii ase hwehwɛɛ baabi a ɔbɛfa ne nsɛm no afi. Onyaa ho asɛm bi wɔ July 1, 1995, Ɔwɛn-Aban mu. Ɔfaa asɛm a Pontio Pilato bisaa Yesu a ɛne: “Dɛn ne nokware?” no kaa asɛm. (Yohane 18:38) Agata kae sɛ, saa asɛmmisa no yɛ animtiaabu, ɛte sɛ nea na Pilato reka sɛ: ‘Nokware? Ɛyɛ dɛn? Biribiara nni hɔ a wɔfrɛ no nokware!’ Agata san kyerɛwee sɛ: “Pilato asɛmmisa no ma mekaee akwankyerɛ ahorow a wɔde maa yɛn wɔ asɛmti no ho no.”
Afei, Agata kaa adwene bi a ɛne sɛ asɛm a obi bu no sɛ ɛyɛ nokware no, ɔfoforo rennye ntom sɛ ɛyɛ nokware ma enti wobetumi afa no sɛ adwene a wɔn baanu mu biara kura no “teɛ.” Obisaa nsɛm bi te sɛ: “Sɛ yennye ntom sɛ adebɔ mu mmara anaa tumi ahorow bi wɔ hɔ ankasa a ɛboa ma wimhyɛn tumi tu fa wim a, anka yɛn mu hena na ɔbɛforo wimhyɛn?” Afei, Agata twee adwene sii Bible so kae sɛ: “Yɛwɔ nnyinaso a edi mũ ankasa a enti yɛde yɛn ho to Onyankopɔn Asɛm so.” Ɔkae sɛ ogye di sɛ nnipa a wofi wɔn komam rehwehwɛ nokware a ɛyɛ turodoo no bɛtɔ wɔn bo ase ahwehwɛ na wɔahu.
Wɔmaa Agata abodin krataa soronko bi, na wɔma ogyinaa ne sukuufo no anim kasa kyerɛɛ wɔn. Ne sukuufo no mu binom penee so sɛ ɔne wɔn nsua Bible no. Agata de aseda ma Yehowa sɛ otumi de hokwan a onyae no kaa ne gyidi ho asɛm kyerɛɛ nnipa pii. Nokwarem no, sɛ woma w’ani da hɔ, na wode hokwan bi a wubenya ka wo gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo a, ebetumi asow aba. Hokwan ahorow bɛn na wowɔ a wubetumi de adi dwuma?