Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 12/15 kr. 32
  • “W’akyɛde A Ɛsom Bo Paa No”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “W’akyɛde A Ɛsom Bo Paa No”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 12/15 kr. 32

“W’akyɛde A Ɛsom Bo Paa No”

SAA na obi a kan na ɔyɛ Belgium ɔman soafo panyin no kaa Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛna nhoma no ho asɛm. Ɔbarima bi a ɔne no bɔ fipam kɔsraa no, na ɔmaa ɔsoafo no nhoma yi biako. Akyiri yi ɔkyerɛw krataa de kɔdaa no ase sɛ: “Wo nsrahwɛ no kaa me koma paa, na mpo nea ɛma m’ani gyee kɛse ne w’akyɛde a ɛsom bo paa no: nhoma a wɔakyerɛw afa ‘Onipa a Ɔsen Biara’ ho no.”

Kan ɔman soafo panyin no susuw nhoma no mu nsɛm ho na ɔkae sɛ: “Sɛ nkurɔfo bɛkyerɛ asɛm a ɛwɔ Nsɛmpa no mu ho anigye kɛse na wɔde Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ abɔ wɔn bra a, anka wiase a yɛte mu yi bɛsesa koraa. Anka yɛrenhia Amanaman Nkabom Ahobammɔ Bagua; saa ara na anka yɛrente amumɔyɛfo a wɔtow hyɛ afoforo so nka, na anka basabasayɛ nso befi wiase.” Ɛwom sɛ ogye toom sɛ ɛte sɛ nea eyi ntumi nyɛ yiye de, nanso ɔkyerɛɛ ne fipamfo no nsrahwɛ no ho anisɔ.

Ɔtoaa so wɔ ne krataa no mu sɛ: “Woka nnipakuw bi a wɔwɔ adwempa a wogye di sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama nnipa ne nneɛma a ɛwɔ asase yi so nyinaa daakye no ho.”

Yehowa Adansefo gye di sɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi ama wiase yi ayɛ yiye, ɛnyɛ nnipa mmɔdenbɔ. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua onipa a ɔsen biara, Yesu Kristo. So Yehowa Adansefo aba wo nkyɛn nnansa yi? Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye sɛ wone wɔn bɛbɔ onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn no ho nkɔmmɔ. Na wɔn ani begye sɛ wɔbɛma wo nhoma a kan ɔman soafo panyin no ani gyee ho kɛse no bi.

[Ase hɔ asɛm]

a Yehowa Adansefo na wotintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena