Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w10 7/1 kr. 3
  • “Ma Me Bi Nka Ho”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ma Me Bi Nka Ho”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hwɛ W’asanom Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Nsã Ho?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Hwɛ Wo Asanom Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nea Onyankopɔn Ka Fa Nsã Ho No, Ma Ɛntena W’adwenem
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
w10 7/1 kr. 3

“Ma Me Bi Nka Ho”

ALLEN fii ase wee nsã bere a na wadi mfe 11.a Ná ɔne ne nnamfonom kodi agoru wɔ kwae mu, na na wosuasua nnipa a wohu wɔn wɔ sini mu no. Ná wɔn a Allen ne ne nnamfonom suasua wɔn no nyɛ nnipa ankasa, nanso nsã a wɔnom no de, na ɛyɛ nsã paa ara.

Bere a Tony dii mfe 40 no, ofii ase nom nsã bebree. Mfiase no na ɔnom nsã kuruwa biako anaa abien anwummere biara, nanso eduu bere bi no, na ɔnom anum anaa asia. Akyiri yi, na ontumi nkyerɛ nsã dodow a otumi nom da biara da no.

Allen hwehwɛɛ mmoa a ɛbɛma wagyae asanom bebrebe no. Tony poo mmoa a n’abusuafo ne ne nnamfonom a wɔdɔ no de maa no no. Ɛnnɛ, Allen da so te ase a ɔreka n’asɛm, nanso Tony de, mfe bi a atwam no, ɔkɔnom nsã bowee ma okonyaa kar akwanhyia wui.

Sɛ obi nom nsã tra so a, ɛnyɛ ne nkutoo na ɛhaw no, na mmom ɛtaa pira afoforo nso.b Mpɛn pii no, nsã a wɔnom ma ɛtra so no kowie atɛnnidi, ɔhwe, awudi, kar akwanhyia, pira a wopira wɔ adwuma mu, ne nyarewa ahorow pii mu. Afe biara, nsã a wɔnom ma ɛtra so no ma wɔbɔ ka bebree na ɛsan nya ankorankoro, mmusua ne mmofra so nkɛntɛnso bɔne.

Nanso, Amerika Ɔman Asuae a Ebu Akwahosan Ho Akontaa no kae sɛ: “Sɛ obi taa nom nsã a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkɔwensani, na ɛnyɛ akɔwensafo nyinaa na wɔnom nsã daa.” Nnipa pii a na wɔnyɛ asadweam no de nkakrankakra abɛdan akɔwensafo. Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔnnom nsã daa, nanso sɛ wɔtena ase sɛ wɔrenom nsã a, wotumi nom bebree.

Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛnom nsã a, dodow ahe na sɛ wonom a na aboro so? Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ nea wanom dedaw nti, ɛnsɛ sɛ woka sɛ “ma me bi nka ho”? (Mmebusɛm 23:29, 30, Contemporary English Version) Nsɛm a edidi so no bɛma yɛn nyansahyɛ a ɛbɛboa yɛn.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa din ahorow no bi.

b Asɛm yi fa mmarima ne mmea nyinaa ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena