Ɔhaw A Ɛma Yenya Anidaso
“Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.”—2 TIMOTEO 3:1.
SO WOATE—anaasɛ woahu—sɛ awerɛhosɛm bi a ɛte sɛ nea edidi so yi asi pɛn?
● Owuyare bi akunkum nnipa pii.
● Aduankɔm akunkum nnipa ɔpepem pii.
● Asasewosow akunkum nnipa ɔpepem pii, na asan asɛe nnipa pii afie.
Wɔ kratafa ahorow a edidi so yi mu no, wobɛkenkan aniberesɛm a ɛtete saa ho asɛm. Wobɛsan ahu sɛ, Bible no kaa nea ebesisi wɔ bere a wɔfrɛ no “nna a edi akyiri” no ho asɛm too hɔ.a
Nanso ɛnyɛ nsɛm yi atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma woagye atom sɛ yɛte wiase bɔne mu. Ɛda adi sɛ woankasa wunim saa nokwasɛm yi. Mmom wɔasiesie nsɛm yi sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya anidaso. Ɛbɛma yɛahu sɛ nkɔmhyɛ ahorow asia yi a anya ne mammu no kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ, “nna a edi akyiri” no bɛba awiei. Yebesusuw nsɛm a nkurɔfo ka de bɔ adanse yi gu, ne nea enti a yebetumi agye adi sɛ bere pa da yɛn anim no ho wɔ nsɛm a edidi so yi mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Onyankopɔn ama tebea bɔne yi ho kwan a, hwɛ asɛm “Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Bɔne ne Amanehunu Kɔ So?” a ɛwɔ kratafa 16 kosi 17 no mu.