Abraham—Ɔbarima Hobrɛasefo
Awia ketee bi a Abraham te ne ntamadan mu onwini mu no, ɔmaa n’ani so hwɛɛ abɔnten huu mmarima baasa bi a wɔyɛ ahɔho.a Ɛhɔ ara na Abraham de mmirika kohyiaa ahɔho no na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛhome kakra na ɔnsom wɔn hɔho. Ɔkae sɛ ɔrekɔpɛ “paanoo sin bi” abrɛ wɔn, nanso ewiee ase no, ɔde nnuan bebree na ɛbrɛɛ wɔn; paanoo a wɔato no foforo, bɔta, nufusu ne nantwi kama a ne nnam yɛ dɛ. Ɔkwan a Abraham faa so maa ahɔho no aduan no ma yehu sɛ na ɔpɛ ahɔhoyɛ, na afei nso na ɔwɔ ahobrɛase sɛnea yebehu no.—Genesis 18:1-8.
DƐN NE AHOBRƐASE? Yɛka sɛ obi wɔ ahobrɛase a, ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ ahantan anaa ahomaso. Sɛ obi wɔ ahobrɛase a, ogye tom sɛ obiara wɔ nea ɔbɔ ho mmɔden. (Filipifo 2:3) Otie afoforo adwenkyerɛ, na ɛnhaw no sɛ ɔbɛyɛ famfam nnwuma de asom afoforo.
DƐN NA ABRAHAM DE KYERƐE SƐ ƆWƆ AHOBRƐASE? Abraham de anigye som afoforo. Sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no, bere a Abraham huu ahɔho baasa no ara na ofii ase sɛ ɔbɛma wɔn nea ehia wɔn. Ntɛm ara na ne yere Sara nso fii ase sɛ ɔbɛyɛ aduan ama wɔn. Nanso hwɛ nea ɔyɛɛ adwuma no kɛse: Abraham na otuu mmirika kohyiaa ahɔho no, ɔno na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔbɛma wɔn biribi adi, ɔno ara na otuu mmirika kɔɔ ne mmoa mu kɔkyeree nantwi no, na ɔno ara nso na ɔde nnuan no besisii ahɔho no anim. Anka Abraham betumi de adwuma no nyinaa ahyɛ ne nkoa nsa, nanso ɔbarima hobrɛasefo yi nso yɛɛ adwuma no bi. Wante nka sɛ ɛyɛ aniwu sɛ ɔbɛsom afoforo.
Abraham tiee wɔn a wɔhyɛ n’ase no adwenkyerɛ. Nkɔmmɔ a ɛkɔɔ so wɔ Abraham ne Sara ntam no kakraa bi na Bible ka ho asɛm. Nanso mprenu na yɛkenkan sɛ Abraham tiee Sara asɛm de yɛɛ adwuma. (Genesis 16:2; 21:8-14) Emu biako de, nea Sara kae no ‘haw Abraham yiye.’ Nanso bere a Yehowa ne Abraham kasae ma ohui sɛ Sara adwene no ye no, Abraham de ahobrɛase tiee n’adwenkyerɛ no de yɛɛ adwuma.
DƐN NA YESUA FI MU? Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ampa a, ɛrenhaw yɛn sɛ yɛbɛsom afoforo. Yɛde anigye bɛyɛ nea yebetumi biara ama wɔanya ahotɔ.
Ade foforo nso a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ ahobrɛase ne sɛ yebetie afoforo adwenkyerɛ. Sɛ biribi ho adwene amma yɛn tirim a, ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ obi de ba a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ gu; mmom nyansa wom sɛ yetie nea afoforo wɔ ka. (Mmebusɛm 15:22) Wɔn a wɔwɔ nkurɔfo so tumi no paa na ɛsɛ sɛ wɔde adwempa tie afoforo, na sɛ wɔyɛ saa nso a ɛbɛboa wɔn. John a wahwɛ adwumayɛfo so akyɛ kae sɛ: “Nea mahu ne sɛ ɔpanyin pa ne obi a otumi ma obiara kyerɛ n’adwene.” Ɔde kaa ho sɛ: “Gye sɛ wobrɛ wo ho ase na woatumi ahu sɛ obi a ɔhyɛ w’ase nim biribi yɛ kyɛn wo. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa, a mpanyimfo mpo ka ho, hu sɛ nyansa nni biakofo tirim.”
Sɛ yesuasua Abraham na yetie afoforo adwenkyerɛ na yɛyɛ famfam nnwuma de boa afoforo a, Yehowa ani gye yɛn ho. Nea ɛwom ara ne sɛ, “Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.”—1 Petro 5:5.
[Ase hɔ asɛm]
a Mfiase no Abraham anhu sɛ ahɔho no yɛ abɔfo a Onyankopɔn asoma wɔn.—Hebrifo 13:2.