Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 7/1 kr. 30-31
  • Onyankopɔn a Okyi Ntɛnkyea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn a Okyi Ntɛnkyea
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sodom ne Gomora Sɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yesu Gyinaa Sɔhwɛ Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Yesu Saa Yare Anwonwakwan So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yesu Maa N’atiefo Ho Dwiriw Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 7/1 kr. 30-31

Mmofra Afã

Onyankopɔn a Okyi Ntɛnkyea

Akwankyerɛ: Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm tena na kenkan Bible no fa bua nsɛmmisa yi. Bere a worekenkan kyerɛw nsɛm no, fa no sɛ wowɔ hɔ na asɛm no sii. Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfonini. Tie nsɛm a na wɔreka no. Hu sɛnea wɔn a wɔwom no te nka fa. Fa no sɛ afei na asɛm no resi.

Wɔn a wɔwom: Ahab, Yesebel, Nabot, ne Elia

Nsɛm a wɔabɔ no mua: Yesebel piapiaa Ɔhene Ahab ma okum obi faa ne bobeturo.

1 DWINNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN 1 AHENE 21:1-26.

Nnipa baanan a wɔabɔ wɔn din wɔ asɛm yi mu no, wuhu wɔn dɛn?

Ahab ․․․․․

Yesebel ․․․․․

Nabot ․․․․․

Elia ․․․․․

Sɛ wohwɛ a, ɛnne bɛn na Yesebel ne Ahab de kasae wɔ nkyekyɛm 5-7?

․․․․․

Bere a woretwa ho mfonini no, kyerɛkyerɛ basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ nkyekyɛm 13 no mu.

․․․․․

Bere a Elia hyiaa Ahab wɔ nkyekyɛm 20-26 no, wohwɛ a ɛnne bɛn na wɔde kasa kyerɛɛ wɔn ho?

․․․․․

2 DWINNWEN HO KƆ AKYIRI.

Suban bɛn na Yesebel daa no adi wɔ nkyekyɛm 7 ne 25?

․․․․․

Suban bɛn na Ahab daa no adi wɔ nkyekyɛm 4?

․․․․․

Hena bio na Ahab kum no sɛnea ɛbɛyɛ a ne nsa bɛka Nabot bobeturo no? (Kenkan 2 Ahene 9:24-26.)

․․․․․

Yehowa buu Ahab sɛ ɔyɛ onipa bɛn? (San kenkan nkyekyɛm 25 ne 26. Hwɛ 1 Ahene 16:30-33 nso.)

․․․․․

3 FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA. KYERƐW NEA WUSUAE WƆ NEA EDIDI SO YI HO  . . .

Yehowa hu ntɛnkyea nyinaa.

․․․․․

Yehowa dwen wɔn a wɔasisi wɔn no ho.

․․․․․

Nea Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo. (Kenkan Deuteronomium 32:4.)

․․․․․

4 AKWAN FOFORO A WUBETUMI DE ADI DWUMA.

Ɔkwan bɛn so na ebinom betumi ayɛ wɔn ade te sɛ Yesebel? (Kenkan Adiyisɛm 2:18-21.)

․․․․․

Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wunya akokoduru te sɛ Elia?

․․․․․

Sɛ wobu nkurɔfo ntɛnkyea anaa wɔde bi di w’ankasa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wutwa wo koma to wo yam?

․․․․․

5 NSƐM YI AFÃ BƐN NA W’ANI GYE HO PAA, NA DƐN NTIA?

․․․․․

Sɔ eyi hwɛ Ka asɛm yi te sɛ asɛm foforo a asi. Fa asɛm no ho amanneɛbɔ to gua na yɛ te sɛ nea worebisabisa wɔn a asɛm no fa wɔn ho ne wɔn a wɔde wɔn ani hui no nsɛm.

Kɔ www.jw.org

Kenkan Bible wɔ intanɛt so

Tintim asɛm yi anaa twe fi intanɛt so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena