Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 4/15 kr. 32
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Munnnyae Mo Ho Mo Ho Nhyiam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nea Ɛyɛe a Kristoman Bɛyɛɛ Wiase Yi Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Wɔtu Obi Fi Asafo no Mu a, Ɛkyerɛ Ɔdɔ—Adɛn Ntia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 4/15 kr. 32

SO WUNIM?

Afe 70 Y.B. mu akyi no, wɔsan sii Yerusalem asɔrefie no anaa?

YESU hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Yehowa asɔrefie no korakora; ɔkae sɛ wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so. Titus dii Roma asraafo no anim kɔsɛee Yerusalem afe 70 Y.B. mu. Saa bere no na nkɔmhyɛ no baam. (Mat. 24:2) Akyiri yi Ɔhempɔn Julian yɛe sɛ ɔbɛsan asi asɔrefie no.

Nkurɔfo kyerɛ sɛ Roma ɔhempɔn a otwa to a na ɔyɛ ɔbosonsonni ne Julian. Na Julian papa nua ne Constantine Ɔkɛseɛ no, na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo tetee no Kristosom mu. Nanso bere a ɔbɛyɛɛ ɔhempɔn wɔ 361 Y.B. mu no, ɔpoo saa nkyerɛkyerɛ no ne asɔre no nneyɛe bɔne de ne ho kɔbataa abosonsom ho. Eyi nti abakɔsɛm nhoma ahorow frɛ no “Ɔwaefo.”

Na Julian kyi Kristosom kɔkɔɔkɔ. Bere a odii mfe asia no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no kum ne papa ne n’abusuafo bi. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ka ho bi nti na na okyi Kristosom. Wɔn a wonim asɔre no abakɔsɛm ma yehu sɛ Julian hyɛɛ Yudafo nkuran sɛ wɔnsan nsi wɔn asɔrefie no. Ná n’adwene yɛ no sɛ, sɛ wɔsan si a, ɛbɛma nkurɔfo abu Yesu sɛ ɔyɛ atoro diyifo.a

Ɛyɛ nokware, Julian bɔɔ ne tirim pɔw sɛ ɔbɛsan asi asɔrefie no. Nanso sɛ ofii ase sii oo, sɛ wamfi ase oo, ɛno de, abakɔsɛm akyerɛwfo adwene nhyia wɔ ho. Na sɛ ɛyɛ ampa ara sɛ ofii ase sii asɔrefie no a, adɛn nti na wansi anwie? Yɛrentumi nkyerɛ. Nanso nea yebetumi de yɛn nsa asi yɛn bo aka ne sɛ, bere a Julian bɛyɛɛ ɔhempɔn no, anni mfe abien mpo na wokum no. Enti ɛhɔ ara na adwuma no nso soe.

Ɛbɛyɛ sɛ sɛɛ na na asɔrefie no te wɔ Yesu bere so

a Yesu anka sɛ wɔrensan nsi asɔrefie no bio. Mmom nea ɔkae ne sɛ wɔbɛsɛe no; saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae wɔ afe 70 Y.B. mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena