Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 7/1 kr. 7
  • Enti Wubetumi Anya Ɔsom Bi Mu Awerɛhyem?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Enti Wubetumi Anya Ɔsom Bi Mu Awerɛhyem?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Ahu Nokware Som?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ahotoso Ho Hia Ma Asetra a Anigye Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Yɛn Ho A Yɛde Bɛhyɛ Ɔsom Kronn Mu Ama Nkwagye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 7/1 kr. 7

Enti Wubetumi Anya Ɔsom Bi Mu Awerɛhyem?

Sɛ ɔsom bi adi wo huammɔ a, ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wubenya ɔsom foforo bi mu awerɛhyem. Nanso nya gyidi sɛ ɔsom bi wɔ hɔ a wubetumi de wo werɛ ahyɛ mu. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔboaboaa asuafo anokwafo bi ano, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ma wɔde Onyankopɔn mmara yɛɛ adwuma. Ɛnnɛ yi nyinaa, ebinom wɔ hɔ a wɔayi wɔn yam sɛ wɔde Kristo mmara bɛbɔ wɔn bra; enti Kristofo papa wɔ hɔ. Ɛhe na wɔwɔ?

Estelle a n’asɛm wɔ nhoma yi fã foforo no kae sɛ: “Me ne Yehowa Adansefo suaa ade ansa na merete Bible no ase. Mifii ase no, ankyɛ na metee Yohane 8:32 ase. Ɛhɔ kan sɛ: ‘Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.’”

Ray nso, yɛaka ne ho asɛm dedaw. Asɛm bi a ɔkae ne sɛ: “Me ne Yehowa Adansefo suaa ade, na mibehui sɛ amane a nnipa hu no mfi Onyankopɔn. Mihui sɛ biribi pa bi nti na Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan, na obeyi afi hɔ nnansa yi ara. Ɛno maa m’ani gyei paa.”

Nnipa dodow no ara abrabɔ aporɔw, enti ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛbɔ bra pa. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ yɛrentumi. Nnipa pii hia mmoa na wɔate Bible ase de mu nsɛm abɔ wɔn bra. Ɛno nti sɛ wokɔ wiase baabiara a, Yehowa Adansefo ne nnipa mpempem pii yɛ Bible adesua kwa. Nnawɔtwe biara, nhyehyɛe yi boa nkurɔfo ma wohu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa, na ɛma wɔbɛn wɔn Bɔfo no; afei nso ɛma wonya anigye wɔ asetena mu.a

Bisa Yehowa Adansefo ma wɔnkyerɛ wo nea enti a wɔwɔ awerɛhyem sɛ wɔn som no yɛ papa

Sɛ wuhyia Yehowa Adansefo a, bisa wɔn ma wɔnkyerɛ wo nea enti a wɔwɔ awerɛhyem sɛ wɔn som no yɛ papa. Pɛɛpɛɛ wɔn nkyerɛkyerɛ mu na hwɛ sɛnea wɔbɔ wɔn bra sɛ ɛte sɛn. Afei wo ara hwɛ sɛ ɔsom bi wɔ hɔ a wubetumi de wo werɛ ahyɛ mu anaa.

a Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Yehowa Adansefo na wontintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena