Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 7/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn a Wobɛbɛn No Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Sɛnea Mpaebɔ Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 7/1 kr. 16
Obi a n’ani afi a ɔrebɔ mpae

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?

Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ yɛne no kasa da biara na yɛka yɛn komam asɛm kyerɛ no. (Luka 18:1-7) Yɛn ho hia no, enti sɛ yɛka yɛn asɛm kyerɛ no a, otie yɛn. Yɛn soro Agya no ara aka sɛ yɛmmɔ no mpae. Enti sɛ yɛammɔ mpae a, yɛayɛ yɛn ho.​—Kenkan Filipifo 4:6.

Mpaebɔ ma yɛbɛn Onyankopɔn, enti ɛnyɛ sɛ yehia biribi nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae. (Dwom 8:3, 4) Sɛ yɛtaa ka yɛn asɛm kyerɛ Onyankopɔn a, ɛbɛma wabɛyɛ yɛn adamfo paa.​—Kenkan Yakobo 4:8.

Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ mpae?

Onyankopɔn ani nnye ho sɛ yɛrebɔ mpae a, yɛkyekye ho. Saa ara nso na ɔmpɛ sɛ yɛkyere mpaebɔ bi gu yɛn tirim na yɛbɔ no bere nyinaa. Yɛrebɔ mpae a, sɛ yɛbɛkotow oo, yebegyina hɔ oo, ɛnyɛ ɛno na ehia Onyankopɔn. Nea Yehowa pɛ ne sɛ yebebue yɛn komam ne no akasa. (Mateo 6:7) Saa na tete Israelni Hanah yɛe. Ná biribi nkɔ yiye wɔ ne fie, enti ɔbɔɔ mpae. Akyiri yi, n’awerɛhow danee anigye, enti oyii ne yam bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase.​—Kenkan 1 Samuel 1:10, 12, 13, 26, 27; 2:1.

Sɛ biribi haw yɛn a, yebetumi aka ho asɛm akyerɛ Ɔbɔadeɛ no. Yebetumi nso ada no ase wɔ nneɛma a ɔyɛ ho. Akwannya bɛn na ɛkyɛn saa? Ɛyɛ biribi a ɛnsɛ sɛ yɛtoto no ase koraa.​—Kenkan Dwom 145:14-16.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 17. Yehowa Adansefo na wotintimii.

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena