SO WUNIM?
Tete no, sɛn na na wɔyɛ nhoma mmobɔwee? Dwuma bɛn na na edi?
Nhoma mmobɔwee a wɔde aboa nhoma ne krataa ayɛ; Ester nhoma a wɔyɛɛ no bɛboro mfe 300 ni
Wokenkan Luka Asɛmpa no a, wubehu sɛ Yesu gyee Yesaia nhoma mmobɔwee no buee mu kenkanee, na ɔkenkan wiei no ɔsan bobɔwee. Afei nso bere a Timoteo rekɔ Paulo nkyɛn no, Paulo ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ɔreba a, ɔmfa nhoma mmobɔwee bi mmrɛ no.—Luka 4:16-20; 2 Timoteo 4:13.
Sɛn na na wɔyɛ nhoma mmobɔwee? Ná wotumi de mmoa nhoma yɛ bi, na na wotumi de mmɛw krataa nso yɛ bi. Sɛ wɔfa mmoa nhoma anaa mmɛw krataa dodow bi a, na wɔde aman (glue) akeka asi anim ma ayɛ tenteenten. Wowie a, wɔbobɔw fa dua ho. Nhoma mmobɔwee biara wɔ anim ne akyi; anim no na wɔkyerɛw. Enti wɔde baabi a wɔbɛkyerɛw no fa dua anaa poma ho bobɔw. Sɛ wɔrekyerɛw nhoma mmobɔwee no so a, wɔkyerɛw fi nifa kɔ benkum. Ɛkɔba sɛ nhoma mmobɔwee no ware a, wɔyɛ nnua anaa poma no mmienu; baako wɔ ti ha na baako nso wɔ ti nohoa.
Nhoma bi ka sɛ: “Mfaso a ɛwɔ nhoma mmobɔwee so ne sɛ, wotumi yɛ ma ɛyɛ tenten paa [bɛyɛ mita 10 (anammɔn 33)], na obi pɛ sɛ ɔkyerɛw nhoma bi mu nsɛm nyinaa gu baako so mpo a, ɛbɛyɛ yiye.” (The Anchor Bible Dictionary) Sɛ wofa Luka Asɛmpa no sɛɛ a, wobu akontaa sɛ, sɛ wɔrekyerɛw agu nhoma mmobɔwee so a, ebegye nhoma mmobɔwee a ne tenten yɛ mita 9.5 (anammɔn 31). Nhoma mmobɔwee no bi wɔ hɔ a, na wɔtenetene ano de ɔbo twitwiw ano no nyinaa ma ɛyɛ toromtorom, na afei wɔhyɛ no aduru.
Henanom na ɛbɛyɛ sɛ na wɔfrɛ wɔn “asɔfo mpanyin” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no?
Bere a asɔfodi hyɛɛ ase wɔ Israel no, na ɔbarima baako pɛ na ɔsom sɛ ɔsɔfo panyin. Sɛ obi yɛ ɔsɔfo panyin a, na ɔyɛ adwuma no ne nkwa nna nyinaa. (Numeri 35:25) Aaron ne ɔsɔfo panyin a odi kan. Ɛno akyi no, ɔsɔfo panyin biara babarima a odi kan na na odi ne papa ade. (Exodus 29:9) Ná Aaron asefo a wɔyɛ mmarima no mu bebree yɛ asɔfo, nanso wɔn mu kakraa bi na wɔbɛyɛɛ ɔsɔfo panyin adwuma no bi.
Bere a amanaman mufo bedii Israelfo so no, na ahemfo no tumi tu Yudafo sɔfo panyin no ade so de foforo si so bere biara a wɔpɛ. Nanso ɛkame ayɛ sɛ na wɔtaa yi ɔsɔfo panyin foforo no fi mmusua a agye din kakraa bi mu. Aaron abusua mu na na wɔtaa yi ɔsɔfo panyin no firi. Henanom na na wɔyɛ “asɔfo mpanyin” yi? Ná wobetumi ayɛ nnipa atitiriw a wɔwɔ asɔfodi no mu no. Asɔfodi no, na wɔakyekyɛ mu akuw 24 na na kuw biara wɔ ne panyin. Enti ɛbɛyɛ sɛ wɔn a na wɔdeda akuw ahorow no ano no na wɔbɛyɛɛ asɔfo mpanyin no; wɔn mu binom ne asɔfo mpanyin a wɔadi ade pɛn na wɔatu wɔn ade so. Wɔn mu baako ne Anas.—1 Beresosɛm 24:1-19; Mateo 2:4; Marko 8:31; Asomafo Nnwuma 4:6.